-
Marko 7:3, 4Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 (Ɛfiri sɛ Farisifoɔ ne Yudafoɔ no nyinaa deɛ, nananom amammerɛ* a wɔkura mu dendeenden nti, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa ammɛsi wɔn abatwɛ a, wɔnnidi. 4 Sɛ wɔfiri dwa so ba a, wɔnnidi gye sɛ wɔde nsuo ate wɔn ho ansa. Ná wɔwɔ amammerɛ foforɔ pii a wɔkura mu dendeenden, te sɛ nkuruwa nketewa ne akɛseɛ ne kɔbere nkyɛnsee a wɔbɔ no asu.)+
-