-
Luka 21:21-23Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
21 Afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfiri aseɛ nnwane nkɔ mmepɔ so,+ na momma wɔn a wɔwɔ Yerusalem no mfiri mu nkɔ, na mommma wɔn a wɔwɔ nkuraaseɛ no mmma kuro no mu, 22 ɛfiri sɛ wei yɛ berɛ a Onyankopɔn de bɛtwe nkurɔfoɔ aso,* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wɔatwerɛ nyinaa bɛba mu. 23 Saa nna no mu no, mmaa a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufoɔ nnue!+ Ɛfiri sɛ amanehunu* kɛseɛ bɛba asaase no so, na abufuo aba nkurɔfoɔ yi so.
-