9 Enti wɔtoo ɔwɔ kɛseɛ a ne ho yɛ hu*+ no twenee fam, ɔwɔ dada+ no, deɛ wɔfrɛ no Ɔbonsam+ ne Satan,+ a ɔredaadaa asaase sofoɔ nyinaa+ no; wɔtoo no twenee asaase so,+ na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho guiɛ.
10 Na wɔtoo Ɔbonsam a na ɔredaadaa wɔn no too egya tadeɛ a sɔfe* wom no mu, baabi a akekaboa+ no ne atorɔ diyifoɔ no wɔ dada no;+ na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ* awia ne anadwo daa daa.