Mateo 26:57 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 57 Wɔn a wɔkyee Yesu no de no kɔɔ ɔsɔfo panin Kaiafa+ nkyɛn, baabi a na atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no ahyiam no.+ Luka 3:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 ɛnna Anas ne Kaiafa+ nso yɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ. Saa berɛ no, Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane+ nkyɛn wɔ serɛ so.+ Yohane 11:49 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 49 Nanso wɔn mu baako, Kaiafa,+ a na ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no, ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnim hwee koraa. Yohane 18:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Wɔdii kan de no kɔɔ Anas hɔ, ɛfiri sɛ na n’ase ne Kaiafa+ a ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no.+ Yohane 18:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Afei Anas maa wɔkyekyeree no de no kɔmaa ɔsɔfo panin Kaiafa.+
57 Wɔn a wɔkyee Yesu no de no kɔɔ ɔsɔfo panin Kaiafa+ nkyɛn, baabi a na atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no ahyiam no.+
2 ɛnna Anas ne Kaiafa+ nso yɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ. Saa berɛ no, Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane+ nkyɛn wɔ serɛ so.+
49 Nanso wɔn mu baako, Kaiafa,+ a na ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no, ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnim hwee koraa.