-
Marko 15:29-32Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
29 Na wɔn a wɔretwam no kasa tiaa no. Wɔwosoo wɔn ti,+ na wɔkaa sɛ: “Ɔtwea! Ɛnyɛ wo na wokaa sɛ wobɛdwiri asɔrefie no agu na wode nnansa asi no?+ 30 Si firi asɛndua* no so, na gye wo ho.” 31 Asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no nso dii ne ho agorɔ saa ara. Wɔkaa sɛ: “Ɔgyee nkurɔfoɔ, nanso ɔntumi nnye ne ho!+ 32 Afei ma Kristo no, Israel Hene no, nsi mfiri asɛndua* no so na yɛnhunu na yɛnnye no nni.”+ Wɔn a wɔbɔɔ wɔn asɛndua* mu kaa ne ho no mpo didii no atɛm.+
-