-
Luka 3:2-6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
2 ɛnna Anas ne Kaiafa+ nso yɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ. Saa berɛ no, Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane+ nkyɛn wɔ serɛ so.+
3 Enti ɔkɔɔ nkuro a atwa Yordan ho ahyia nyinaa mu kɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ sɛ, wɔmmɔ asu mfa nkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene wɔ wɔn bɔne ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn,+ 4 sɛdeɛ wɔatwerɛ no odiyifoɔ Yesaia nwoma mu sɛ: “Obi reteam wɔ serɛ so sɛ, ‘Monsiesie Yehowa* kwan! Momma akwan a ɛda n’anim no nyɛ tee.+ 5 Momma abɔn nyinaa nyɛ ma, na monnwiri mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ngu fam; akwan a akyea no, momma ɛnyɛ tee, na momma akwan a ɛyɛ mmonkyimmɔnka nyɛ toromtorom; 6 na ɔhonam nyinaa* bɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ.’”*+
-