20 Na deɛ ɛkɔguu abotan so no, ɔno ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔde anigyeɛ gye tom ntɛm ara.+21 Nanso ɛsiane sɛ ɔnni nhini biara nti, ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti ɔhunu amane anaa wɔtan n’ani a, ɛto no suntidua ntɛm ara.
13 Deɛ ɛkɔguu ɔbotan so no ne wɔn a wɔte asɛm no a wɔde anigyeɛ gye tom, nanso weinom nni nhini. Wɔgye di, nanso ɛnkyɛ; ɛduru sɔhwɛ berɛ a, na wɔagyae.+