-
Mateo 4:1-10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Afei honhom no de Yesu kɔɔ serɛ so maa Ɔbonsam+ kɔsɔɔ no hwɛeɛ.+ 2 Berɛ a ɔkyenee kɔm* nnafua 40 awia ne anadwo wieeɛ no, ɛkɔm dee no. 3 Na Ɔsɔhwɛfoɔ+ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ aboɔ yi ma ɛnnane paanoo.” 4 Nanso ɔbuaa no sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a ɛfiri Yehowa* anom+ nso.’”
5 Ɛnna Ɔbonsam de no kɔɔ kuro kronkron+ no mu, na ɔde no kɔgyinaa asɔredan no atifi,*+ 6 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, gyaa wo ho kɔhwe fam, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: ‘Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfoɔ,’ na ‘Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so, na woamfa wo nan ampem boɔ.’”+ 7 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔatwerɛ nso sɛ: ‘Nsɔ Yehowa* wo Nyankopɔn nhwɛ.’”+
8 Ɔbonsam san de no kɔɔ bepɔ tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahennie nyinaa ne emu animuonyam.+ 9 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wobɔ wo mu ase baako pɛ som me a, mede weinom nyinaa bɛma wo.” 10 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Firi me so kɔ, Satan! Wɔatwerɛ sɛ: ‘Yehowa* wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokoto no,+ na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+
-
-
Luka 4:1-13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Ɛnna Yesu a honhom kronkron ahyɛ no ma no danee ne ho firii Yordan ho, na honhom no de no kɔɔ serɛ so+ 2 nnafua 40, na Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe.+ Wanni hwee saa berɛ no, enti berɛ a nnafua 40 no baa awieeɛ no, na ɛkɔm de no. 3 Ɛnna Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ ɛboɔ yi ma ɛnnane paanoo.” 4 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase.’”+
5 Enti Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔ tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no asaase so ahennie nyinaa prɛko.+ 6 Na Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: “Mede tumi yi nyinaa ne ɛho animuonyam bɛma wo, ɛfiri sɛ wɔde ama me,+ na obiara a mepɛ no, mede ma no. 7 Enti sɛ wobɔ wo mu ase baako pɛ som me a, mede ne nyinaa bɛma wo.” 8 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Yehowa* wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokoto no, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+
9 Afei ɔde Yesu kɔɔ Yerusalem kɔgyinaa asɔredan no atifi,* na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, gyaa wo ho firi ha kɔhwe fam,+ 10 ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, ‘Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfoɔ sɛ wɔmmɛbɔ wo ho ban,’ 11 na ‘Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so, na woamfa wo nan ampem boɔ.’”+ 12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔaka sɛ, ‘Nsɔ Yehowa* wo Nyankopɔn nhwɛ.’”+ 13 Enti berɛ a Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ɔgyaa no hɔ kɔsii berɛ foforɔ a ɛfata.+
-