Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Mateo 8:30-33
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 30 Ná mprako bebree bi redidi wɔ akyirikyiri baabi.+ 31 Enti ahonhommɔne no firii aseɛ paa no kyɛw sɛ: “Sɛ wotu yɛn a, ma yɛnkɔhyɛ mprako yi mu.”+ 32 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ!” Ɔkaa saa no, wɔpueeɛ, na wɔkɔwurawuraa mprako no mu, na hwɛ! mprako no nyinaa de mmirika firii bepɔ* no so kɔguu po no mu, na wɔwuwuu wɔ nsuo no mu. 33 Na wɔn a wɔhwɛ mmoa no dwanee, na wɔkɔɔ kuro no mu kɔkaa deɛ asie nyinaa; wɔkaa mmarima a wɔwɔ ahonhommɔne no asɛm no nso kaa ho.

  • Luka 8:32-34
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 32 Saa berɛ no, ná mprako pii+ wɔ bepɔ no so a wɔredidi. Enti wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmma wɔn kwan mma wɔnkɔhyɛ mprako no mu. Na ɔmaa wɔn kwan.+ 33 Enti ahonhommɔne no pue firii ɔbarima no mu, na wɔkɔwurawuraa mprako no mu, na mprako no de mmirika firii bepɔ no so kɔguu tadeɛ no mu, na wɔwuwui. 34 Berɛ a wɔn a wɔhwɛ mmoa no hunuu deɛ asie no, wɔdwane kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kuro no mu ne ne nkuraaseɛ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane