-
Luka 8:35-37Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
35 Ɛnna nkurɔfoɔ baa sɛ wɔrebɛhwɛ deɛ asie. Na wɔbaa Yesu nkyɛn bɛhuu ɔbarima a ahonhommɔne afiri ne mu no sɛ ɔhyɛ ataadeɛ te Yesu nan ase a n’adwenem da hɔ, na ehu kaa wɔn. 36 Na wɔn a wɔhuu deɛ ɛsiiɛ no kaa deɛ ɛyɛeɛ a ɔbarima a na ahonhommɔne wɔ ne so no ho tɔɔ no no kyerɛɛ nkurɔfoɔ no. 37 Enti nnipadɔm a wɔfiri Gerasafoɔ nsaase a ɛbembɛn hɔ no so no ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, ɛfiri sɛ na ehu kɛseɛ aka wɔn. Ɛnna ɔtenaa kodoɔ no mu siim sɛ ɔrekɔ.
-