-
Luka 8:45-48Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
45 Enti Yesu bisaa sɛ: “Hwan na ɔde ne nsa kaa me?” Obiara kaa sɛ ɛnyɛ ɔno a. Ɛnna Petro kaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, nnipadɔm yi afum wo ho,* na wɔakyere wo so.”+ 46 Nanso Yesu kaa sɛ: “Obi de ne nsa aka me; mahunu sɛ tumi+ afiri me mu kɔ.” 47 Berɛ a ɔbaa no huu sɛ Yesu ahu no no, ɔde ahopopoɔ bɛkotoo n’anim. Na ɔkaa deɛ enti a ɔde ne nsa kaa no, ɛne sɛdeɛ ne ho tɔɔ no amonom hɔ ara no wɔ nnipa no nyinaa anim. 48 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoeɛ kɔ.”+
-