-
Mateo 13:54-58Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
54 Na berɛ a ɔkɔɔ ne kurom no,+ ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ wɔn hyiadan mu maa wɔn ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Ɛhe na onipa yi nyaa nyansa ne tumi a ɔde yɛ anwanwadeɛ yi?+ 55 Ɛnyɛ kapenta no ba no nie?+ Ɛnyɛ ne maame na wɔfrɛ no Maria no, na ne nua mmarima nso, wɔmfrɛ wɔn Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda anaa?+ 56 Na ne nua mmaa nso, ɛnyɛ yɛne wɔn nyinaa na ɛwɔ ha? Ɛnneɛ ɛhe na ɔnyaa weinom nyinaa firiiɛ?”+ 57 Enti ɔbɛyɛɛ suntidua maa wɔn.+ Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔdi odiyifoɔ ni baabiara, gye ne kurom ne ɔno ara ne fie.”+ 58 Na ɛsiane sɛ wɔnni gyidie nti, wanyɛ anwanwadeɛ bebree wɔ hɔ.
-