-
Mateo 14:15-21Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Ɛduruu anwummerɛ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛha ate ne ho, na adeɛ nso resa. Gya nnipadɔm no kwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi akɔ nkuraa no ase akɔtɔ aduane adi.”+ 16 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔkɔ; mo ara momma wɔn biribi nni.” 17 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛnni hwee wɔ ha, gye paanoo nnum ne mpataa mmienu.” 18 Ɔkaa sɛ: “Momfa mmrɛ me.” 19 Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔtenatenaa serɛ no so. Ɛnna ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so.+ Afei ɔbubuu paanoo no mu kyekyɛ maa asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso kyekyɛ maa nnipadɔm no. 20 Enti wɔn nyinaa didi mee. Na berɛ a wɔsesaa deɛ ɛkaa aseɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛn 12 mama.+ 21 Wɔn a wɔdii aduane no bɛyɛ mmarima 5,000; wɔankan mmaa ne mmɔfra nkumaa no anka ho.+
-
-
Luka 9:12-17Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Afei na adeɛ resa. Ɛnna Dumienu no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Gya nnipadɔm no kwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi akɔ nkuraa ne mfuo a atwa ahyia yi mu akɔpɛ daberɛ ne nneɛma a wɔbɛhia, ɛfiri sɛ baabi a yɛwɔ yi ate ne ho.”+ 13 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momma wɔn biribi nni.”+ Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛnni hwee sɛ paanoo nnum ne mpataa mmienu. Gye sɛ ebia yɛn ankasa yɛkɔtɔ aduane brɛ nnipa yi nyinaa.” 14 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na nnipa a ɛwɔ hɔ no bɛyɛ mmarima 5,000. Nanso ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Momma wɔntenatena ase akuakuo; Ekuo biara mu nnipa nyɛ bɛyɛ 50.” 15 Na wɔyɛɛ saa maa wɔn nyinaa tenatenaa ase. 16 Ɛnna ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro, na ɔhyiraa so. Afei ɔbubuu mu, na ɔfirii aseɛ de maa asuafoɔ no sɛ wɔmfa nsisi nnipadɔm no anim. 17 Enti wɔn nyinaa didi mee, na berɛ a wɔsesaa deɛ ɛkaa aseɛ no, wɔnyaa nkɛntɛn 12.+
-