Mateo 6:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Nanso sɛ worebɔ mpaeɛ a, kɔ wo pia mu, na to wo pono mu, na bɔ w’Agya a ɔwɔ kokoam no mpaeɛ.+ Ɛno na w’Agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka. Mateo 14:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Berɛ a ɔgyaa nnipadɔm no kwan maa wɔkɔeɛ no, ɔno nko ara kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ.+ Ɛduruu anwummerɛ no, na ɔno nko ara na ɔwɔ hɔ. Marko 1:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Na anɔpatutuutu a animu nteteeɛ no, ɔsɔreeɛ, na ɔpue kɔɔ baabi a ate ne ho, na ɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ+ wɔ hɔ. Luka 6:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Saa berɛ no, ɛda bi, ɔpue kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ,+ na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ anadwo no nyinaa.+
6 Nanso sɛ worebɔ mpaeɛ a, kɔ wo pia mu, na to wo pono mu, na bɔ w’Agya a ɔwɔ kokoam no mpaeɛ.+ Ɛno na w’Agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.
23 Berɛ a ɔgyaa nnipadɔm no kwan maa wɔkɔeɛ no, ɔno nko ara kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ.+ Ɛduruu anwummerɛ no, na ɔno nko ara na ɔwɔ hɔ.
35 Na anɔpatutuutu a animu nteteeɛ no, ɔsɔreeɛ, na ɔpue kɔɔ baabi a ate ne ho, na ɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ+ wɔ hɔ.