-
Mateo 15:3-6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Mo nso, adɛn nti na mo amammerɛ nti mobu Onyankopɔn ahyɛdeɛ so?+ 4 Ebi ne sɛ, Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’;+ afei nso, ‘Deɛ ɔkasa tia* ne papa anaa ne maame no, ma wɔnku no.’+ 5 Nanso mo deɛ moka sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka akyerɛ ne papa anaa ne maame sɛ: “Biribiara a mewɔ a mɛtumi de aboa wo no, ɛyɛ akyɛdeɛ a mahyira so ama Onyankopɔn” no,+ 6 ɛnhia sɛ ɔdi ne papa ni koraa.’ Ɛno nti, mode mo amammerɛ asɛe Onyankopɔn asɛm.+
-