-
Mateo 15:15-20Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Kyerɛkyerɛ mfatoho no mu kyerɛ yɛn.” 16 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Enti mo nso, monnya ntee aseɛ?+ 17 Monnim sɛ biribiara a ɛkɔ onipa anom no, ɛkɔ ne yam, na ɛfiri ne nipadua mu kɔgu tiafi mu anaa? 18 Nanso deɛ ɛfiri onipa anom ba no firi akoma no mu, na saa nneɛma no na ɛgu onipa ho fĩ.+ 19 Ɛho nhwɛsoɔ ne sɛ, akoma no mu na adwemmɔne firi ba:+ awudie, awaresɛeɛ, adwamammɔ,* korɔno, adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ,* ne abususɛm. 20 Weinom ne nneɛma a ɛgu onipa ho fĩ, na sɛ obi anhohoro ne nsa* na ɔdidi a, ɛngu ne ho fĩ.”
-