49 Ahemfie panin no ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, bra na me ba ketewa no anwu.” 50 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sim kɔ; wo ba no te ase.”+ Ɔbarima no gyee asɛm a Yesu kae no dii, na ɔkɔeɛ. 51 Na berɛ a ɔnam kwan so rekɔ no, ne nkoa bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ, ne ba no te nkwa mu.