-
Marko 1:43-45Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
43 Afei ɔgyaa no kwan ntɛm ara, na ɔbaraa no kaa sɛ: 44 “Hwɛ na woanka ho asɛm ankyerɛ obiara, na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no. Na ɛsiane sɛ wo ho atɔ wo nti,* fa afɔrebɔdeɛ a Mose kyerɛeɛ no+ ma asɔfoɔ no, na ayɛ adanseɛ ama wɔn.”+ 45 Nanso berɛ a ɔbarima no firii hɔ no, ɔfirii aseɛ keka kyerɛɛ nkurɔfoɔ, na ɔtrɛɛ asɛm no mu kɔɔ baabiara. Wei nti, Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biara mu, na mmom mmeaeɛ a ate ne ho wɔ nkuro no akyi na ɔtenaeɛ. Nanso nkurɔfoɔ firi mmeammea baa ne nkyɛn.+
-