-
2 Timoteo 1:7, 8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom,+ na mmom ɔmaa yɛn tumi+ ne ɔdɔ ne adwene a emu da hɔ honhom. 8 Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade ho adansedie+ no ho, na me a Awurade nti meyɛ deduani no nso, mma w’ani nnwu me ho. Mmom, fa wo ho to Onyankopɔn tumi so,+ na nsuro sɛ asɛmpa no nti wobɛhunu amane.+
-