23 Saa berɛ no ara nso, na ɔbarima bi wɔ wɔn hyiadan no mu a honhom fĩ wɔ ne so, na ɔteaam sɛ: 24 “Nasaretni Yesu,+ deɛn na yɛne wo wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim nipa korɔ a woyɛ. Wone Ɔkronkronni a ɔfiri Onyankopɔn hɔ no!”+ 25 Ɛnna Yesu kaa n’anim sɛ: “Yɛ komm, na firi ne mu kɔ!”