-
Mateo 22:15-22Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Afei Farisifoɔ no kɔbɔɔ pɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛka asɛm bi ama wɔanya no.+ 16 Enti wɔsomaa wɔn asuafoɔ ne Herode akyidifoɔ+ kɔɔ ne nkyɛn kɔkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woka nokorɛ na deɛ wokyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ nokorɛ; wonhwehwɛ obiara anim animuonyam, ɛfiri sɛ wonhwɛ nnipa anim. 17 Enti ka kyerɛ yɛn, wodwene ho sɛn? Mmara ma kwan* sɛ wɔtua toɔ ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?”* 18 Nanso ɛsiane sɛ na Yesu ahunu wɔn adwemmɔne no nti, ɔkaa sɛ: “Nyaatwomfoɔ, adɛn nti na moresɔ me ahwɛ? 19 Momfa toɔ sika no bi mmɛkyerɛ me.” Na wɔde denare* brɛɛ no. 20 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Hwan mfoni ne ne ntwerɛeɛ nie?” 21 Wɔkaa sɛ: “Kaesare dea.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ montua Kaesare deɛ mma Kaesare, na montua Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”+ 22 Berɛ a wɔtee saa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔgyaa no hɔ kɔe.
-
-
Luka 20:20-26Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
20 Enti wɔtetɛɛ no.* Afei wɔsomaa mmarima bi a na wɔabɔ wɔn paa kokoam sɛ wɔnyɛ wɔn ho sɛ ateneneefoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛka asɛm bi ama wɔanya no,+ na wɔde no ahyɛ aban ne amrado no nsa. 21 Na wɔbisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ wo nsɛm ne wo nkyerɛkyerɛ yɛ nokorɛ; wonhwɛ nnipa anim, na deɛ wokyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ nokorɛ. 22 Mmara ma kwan* sɛ yɛtua toɔ ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?”* 23 Nanso ɔhuu wɔn nnaadaasɛm no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 24 “Momfa denare* mmɛkyerɛ me. Hwan mfoni ne ne ntwerɛeɛ na ɛwɔ so yi?” Wɔkaa sɛ: “Kaesare dea.” 25 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara no, montua Kaesare deɛ mma Kaesare,+ na montua Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”+ 26 Na wɔannya biribiara wɔ ne kasa mu amfa annya no wɔ nkurɔfoɔ no anim. Mmom ne mmuaeɛ no maa wɔn ho dwirii wɔn, na wɔyɛɛ komm.
-