Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Mateo 22:23-28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 23 Saa da no, Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ+ no baa ne nkyɛn, na wɔbisaa no sɛ:+ 24 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose kaa sɛ: ‘Sɛ ɔbarima bi wu na sɛ ɔnni mma a, ɛsɛ sɛ ne nuabarima ware ne yere no, na ɔne no wo ma ne nua no.’+ 25 Ná yɛne anuanom nson* na ɛwɔ ha; deɛ ɔdi kan no waree na ɔwui, na ɛsiane sɛ na ɔnni ba nti, ɔgyaa ne yere no maa ne nua. 26 Asɛm korɔ no ara na ɛtoo deɛ ɔtɔ so mmienu ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no, kɔsii deɛ ɔtɔ so nson no so. 27 Awieeɛ koraa no, ɔbaa no wuiɛ. 28 Enti owusɔreɛ mu no, nnipa nson no mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa waree no bi.”

  • Luka 20:27-33
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 Nanso Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ+ no mu bi baa ne nkyɛn, na wɔbisaa no sɛ:+ 28 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose twerɛ maa yɛn sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi nua wu gya ne yere na sɛ ɔnni ba a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ne nua a wawuo no yere no, na ɔne no wo ma ne nua no.’+ 29 Ná anuanom nson* bi wɔ hɔ. Deɛ ɔdi kan no waree, nanso ɔwui a wanwo ba. 30 Enti deɛ ɔtɔ so mmienu 31 ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no waree ɔbaa no bi. Nson no nyinaa yɛɛ saa ara; wɔwuwui a wɔannya mma wɔ wɔn akyi. 32 Awieeɛ koraa no, ɔbaa no nso wuiɛ. 33 Enti, owusɔreɛ mu no, wɔn mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ nnipa nson no nyinaa waree no bi.”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane