-
Mateo 9:3-8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 Ɛnna atwerɛfoɔ bi keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Damfo yi reka abususɛm.” 4 Ná Yesu nim wɔn adwene, enti ɔbisaa sɛ: “Adɛn nti na moredwene bɔne mo akoma mu?+ 5 Mohwɛ a, deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ́ wɔbɛka sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na nante’?+ 6 Nanso, deɛ ɛbɛyɛ na moahunu sɛ onipa Ba no wɔ tumi wɔ asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti—” afei ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ: “Sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.”+ 7 Ɛnna ɔsɔreeɛ, na ɔkɔɔ ne fie. 8 Berɛ a nnipadɔm no huu wei no, ehu kaa wɔn. Na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde tumi a ɛte saa maa nnipa no animuonyam.
-
-
Luka 5:21-26Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
21 Ɛnna atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no firii aseɛ kekaa sɛ: “Hwan ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn.”+ 22 Berɛ a Yesu huu wɔn adwene no, ɔbisaa wɔn sɛ: “Deɛn na moresusu ho wɔ mo akoma mu yi? 23 Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ́ wɔbɛka sɛ: ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ: ‘Sɔre na nante’? 24 Nanso deɛ ɛbɛyɛ na moahunu sɛ onipa Ba no wɔ tumi wɔ asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti—” ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ: “Mese wo sɛ, sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.”+ 25 Ɛnna obubuafoɔ no sɔre gyinaa wɔn anim, na ɔfaa deɛ na ɔda so no. Afei ɔkɔɔ ne fie, na ɔrekɔ nyinaa, na ɔrehyɛ Onyankopɔn animuonyam. 26 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa, na wɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. Ehu kaa wɔn maa wɔkaa sɛ: “Ɛnnɛ deɛ, yɛahunu anwanwadeɛ!”
-