39 Berɛ a ɔpueeɛ no, ɔkɔɔ Ngodua Bepɔ no so sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, na asuafoɔ no nso dii n’akyi.+ 40 Berɛ a wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.”+ 41 Na ɔtwee ne ho firii wɔn ho kɔɔ animu kakra, na ɔbuu nkotodwe, na ɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ.