Mateo 27:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Afei wɔde nkasɛɛ nwenee ahenkyɛ de hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire* hyɛɛ ne nsa nifa mu. Na wɔkotoo n’anim dii ne ho agorɔ sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo, Yudafoɔ Hene!”* Mateo 27:37 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 37 Bio nso, wɔtwerɛɛ deɛ enti a wɔretwe n’aso no bɔɔ n’atifi sɛ: “Wei ne Yesu, Yudafoɔ Hene No.”+ Luka 23:38 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 38 Ná wɔatwerɛ biribi nso abɔ n’atifi sɛ: “Wei ne Yudafoɔ Hene no.”+ Yohane 19:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Pilato san twerɛɛ asɛm bi bɔɔ asɛndua* no ho. Ɔtwerɛɛ sɛ: “Nasaretni Yesu, Yudafoɔ Hene no.”+
29 Afei wɔde nkasɛɛ nwenee ahenkyɛ de hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire* hyɛɛ ne nsa nifa mu. Na wɔkotoo n’anim dii ne ho agorɔ sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo, Yudafoɔ Hene!”*