31 Afei nso, ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ onipa Ba no hunu amane pii na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no po no, na wɔku no,+ na ne nnansa so wasɔre.+
10 Ɛnneɛ, mo ne nnipa a ɛwɔ Israel nyinaa nhu sɛ, Nasaretni+ Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛndua mu+ a Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu+ no, ɛnam ne so na ɔbarima yi ho atɔ no a ɔgyina mo anim ha yi.