16 Yohane buaa wɔn nyinaa sɛ: “Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, nanso deɛ ɔwɔ tumi sene me reba; ne mpaboa ahoma mpo memfata sɛ mesane.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron ne egya bɛbɔ mo asu.+
25 Berɛ a Yohane dwumadie reba awieeɛ no, ɔkaa sɛ: ‘Mosusu sɛ meyɛ hwan a? Menyɛ ɔno. Nanso, hwɛ! Obi di m’akyi reba, na memfata sɛ mesane ne nan ase mpaboa.’+