-
Mateo 12:9-14Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Berɛ a ɔfirii hɔ no, ɔkɔɔ wɔn hyiadan mu. 10 Na hwɛ! ná onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu!*+ Afei deɛ ɛbɛyɛ na wɔabɔ no soboɔ no, wɔbisaa no sɛ, “Mmara ma kwan sɛ wɔsa yareɛ Homeda?”+ 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ odwan baako na ɔtɔ amena mu Homeda a, ɔrensɔ ne mu nyi no mfiri mu?+ 12 Onipa ho hia koraa* sene odwan! Enti mmara ma kwan sɛ wɔyɛ adepa Homeda.” 13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: “Tene wo nsa.” Na ɔtenee, na ɛsan yɛɛ yie te sɛ ne nsa baako no. 14 Nanso Farisifoɔ no pue kɔbɔɔ ne ho pɔ sɛ wɔbɛku no.
-
-
Luka 6:6-11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 Berɛ a homeda+ foforɔ duruiɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ. Ná onipa bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awu.*+ 7 Na atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no hwɛɛ Yesu komm sɛ ebia ɔbɛsa yareɛ Homeda no anaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa kwan bi so abɔ no soboɔ. 8 Ná Yesu nim wɔn adwene,+ enti ɔka kyerɛɛ onipa a ne nsa awu* no sɛ: “Sɔre gyina mfimfini hɔ.” Na ɔsɔre gyinaa hɔ. 9 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merebisa mo, ɛdeɛn na mmara ma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda, adepa anaa adebɔne? Sɛ́ wɔbɛgye obi nkwa* anaa wɔbɛku obi?”+ 10 Na ɔhwɛɛ wɔn nyinaa hyiae. Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: “Tene wo nsa.” Ɔyɛɛ saa, na ne nsa no san yɛɛ yie. 11 Nanso atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no bo fuu dendeenden, na wɔkɔbɔɔ pɔ hwɛɛ deɛ wɔde bɛyɛ Yesu.
-