-
Mateo 17:1-8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
17 Nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane kaa ne ho, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔ tenten bi so. Wɔn nko ara na na wɔwɔ hɔ.+ 2 Na ɔsakraa wɔ wɔn anim; n’anim hyerɛn te sɛ awia, na n’ataadeɛ yɛɛ hyɛnn* te sɛ hann.+ 3 Na hwɛ! Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, na na wɔne Yesu rekasa. 4 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Sɛ wopɛ a, mɛsi ntomadan mmiɛnsa wɔ ha; wo deɛ baako, Mose deɛ baako, Elia nso deɛ baako.” 5 Na berɛ a ɔgu so rekasa no, hwɛ! mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ! ɛnne bi firi mununkum no mu baa sɛ: “Wei ne me Ba, deɛ medɔ no a magye no atom.+ Montie no.”+ 6 Berɛ a asuafoɔ no teeɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu hɔ, na ehu kaa wɔn paa. 7 Ɛnna Yesu kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔsosɔɔ wɔn mu kaa sɛ: “Monsɔre. Monnsuro.” 8 Berɛ a wɔmaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara, gye Yesu nko ara.
-
-
Marko 9:2-8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
2 Nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔ tenten bi so. Wɔn nko ara na na wɔwɔ hɔ. Na ɔsakraa wɔ wɔn anim;+ 3 na n’ataadeɛ firii aseɛ yɛɛ hyɛnhyɛn, na ɛyɛɛ fitafita. Obiara nni asaase so a ɔbɛtumi asi ntoma ama ayɛ fitaa saa. 4 Afei nso, Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, na na wɔne Yesu rekasa. 5 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Rabi, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Enti ma yɛnsi ntomadan mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, Elia nso deɛ baako.” 6 Nokorɛm no, na Petro nhunu deɛ ɔnyɛ, ɛfiri sɛ na wɔabɔ hu paa. 7 Na mununkum bi ba bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi+ firi mununkum no mu baa sɛ: “Wei ne me Ba, deɛ medɔ no+ no. Montie no.”+ 8 Na amonom hɔ ara, wɔtotoo wɔn ani, na wɔhuu sɛ obiara nni wɔn nkyɛn bio, gye Yesu.
-