-
1 Korintofoɔ 11:23-25Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
23 Deɛ menya firii Awurade hɔ no ara na me nso mede maa mo. Ɛne sɛ, anadwo+ a wɔrebɛyi Awurade Yesu ama no, ɔfaa paanoo, 24 na berɛ a ɔdaa ase wieeɛ no, ɔbubuu mu, na ɔkaa sɛ: “Wei gyina hɔ ma me nipadua+ a wɔde bɛma mo. Monkɔ so nyɛ wei mfa nkae me.”+ 25 Ɔyɛɛ kuruwa no+ nso saa ara berɛ a wɔdii anwummerɛ aduane no wieeɛ no, na ɔkaa sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforɔ+ a ɛnam me mogya+ so no. Berɛ biara a mobɛnom kuruwa yi ano no, monkɔ so nyɛ wei mfa nkae me.”+
-