Hiob
40 Yehowa toaa so bisaa Hiob sɛ:
2 “Obi a ɔhwehwɛ mfomsoɔ bɛtumi ne adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no aham anaa?+
Ma deɛ ɔpɛ sɛ ɔtene Onyankopɔn no mmua.”+
3 Ɛnna Hiob buaa Yehowa sɛ:
Ɛdeɛn na mede bɛyi wo ano?
Mede me nsa ato m’ano.+
5 Makasa pɛnkoro, na merenkasa bio;
Makasa mprenu, na merenka hwee bio.”
6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Hiob wɔ ahum no mu sɛ:+
8 Wobɛtumi anya asɛm aka wɔ m’atɛntenenee ho anaa?*
Wobɛbu me fɔ na ama woadi bem?+
10 Fa animuonyam ne kɛseyɛ hyehyɛ wo ho;
Fa anidie ne ahoɔfɛ fira.
11 Yi abufuo kɛseɛ a ɛwɔ wo mu no nyinaa bra;
Hwɛ obiara a ɔyɛ ahantan na brɛ no ase.
12 Hwɛ obiara a ɔyɛ ahantan, na gu n’anim ase,
Na tiatia abɔnefoɔ so wɔ baabi a wɔgyina.
13 Fa wɔn nyinaa sie mfuturo mu;
Kyekyere wɔn* wɔ ahintaeɛ mu,
14 Na anka me koraa mɛka akyerɛ wo*
Sɛ wo nsa nifa bɛtumi agye wo.
15 Hwɛ Behemot.* Me na meyɛɛ no, ɛne wo nyinaa.
Ɔwe wura sɛ nantwie.
16 Hwɛ ahoɔden a ɛwɔ n’asene mu,
Na hwɛ n’ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu ntini mu!
17 Ɔma ne dua mu yɛ den sɛ sida dua;
Ne srɛ mu ntini abebare ho.
18 Ne nnompe te sɛ kɔbere dorobɛn;
Ne nan te sɛ dadeɛ.
19 Onyankopɔn nnwuma nyinaa mu no, biribiara ne no nsɛ;*
Ne Bɔfo no nko ara na ɔbɛtumi de ne sekan akɔ ne so.
20 Mmepɔ so na ɔnya n’aduane;
Ɛhɔ na wuram mmoa nyinaa di agorɔ.
22 Nkasɛɛ nnua ma no nya nwunu,
Na ɛbɔn ano nnua twa ne ho hyia.
23 Asubɔnten rebu fa so dendeenden mpo a, ne ho mpopo.
Sɛ Yordan+ yiri sram so mpo a, ɔnsuro.