Hesekiel
18 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Ɛbɛ a mobu no Israel asaase so sɛ, ‘Agyanom di bobebunu, nanso mma na wɔn se fem’+ no, ɛkyerɛ sɛn?
3 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Mete ase yi deɛ, morentumi mmu bɛ yi wɔ Israel bio. 4 Hwɛ, akra* nyinaa yɛ me dea. Sɛdeɛ agya kra wɔ me no, saa ara na ɔba nso kra wɔ me. Ɔkra* a ɔyɛ bɔne no, ɔno na ɔbɛwuo.
5 “‘Fa no sɛ ɔbarima bi yɛ ɔteneneeni a ɔdi asɛntenenee na ɔyɛ deɛ ɛtene. 6 Ɔnni nneɛma a wɔde abɔ afɔreɛ ama abosom wɔ bepɔ so,+ ɔmfa n’ani nto Israel fie abosom fĩ* so, ɔngu ne yɔnko yere ho fĩ,+ na ɔnkɔ ɔbaa a wayɛ bra ho;+ 7 ɔntan obiara ani,+ na mmom ɔde adeɛ a ohiani de asi awowa san ma no,+ ɔmmɔ obiara apoo nhwim ne nsam nneɛma,+ na mmom ɔde n’aduane ma deɛ ɛkɔm de no,+ na deɛ ɔda adagya nso, ɔfira no ntoma;+ 8 ɔmmɔ bosea nnye nsiho anaa ɔmfa mpɛ mfaso bɔne,+ ɔnsisi obiara,+ na mmom sɛ obi ne ne yɔnko nya asɛm a, ɔbu atɛntenenee;+ 9 ɔkɔ so nante m’ahyɛdeɛ mu na ɔdi m’atemmusɛm so; ɔdi nokorɛ. Onipa a ɔte saa no yɛ ɔteneneeni; nkwa na ɔbɛnya,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
10 “‘Nanso fa no sɛ ne ba yɛ korɔmfo-werɛmfoɔ+ anaa wudini*+ anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi bi, 11 (nanso agya no deɛ, ɔnyɛ weinom biara bi)—ne ba no di nneɛma a wɔde abɔ afɔreɛ ama abosom wɔ bepɔ so, ɔgu ne yɔnko yere ho fĩ, 12 ɔtan ɔbrɛfoɔ ne ohiani ani,+ ɔhwim nkurɔfoɔ nsam nneɛma, sɛ obi de biribi si awowa a, ɔnsan mfa mma no, ɔde n’ani to abosom fĩ so,+ ɔyɛ akyiwadeɛ,+ 13 ɔbɔ bosea gye nsiho anaa ɔde pɛ mfaso bɔne;+ ɛba saa a, ɛnneɛ ɔrennya nkwa. Ɛsiane sɛ wayɛ akyiwadeɛ yi nyinaa bi nti, ku na wɔbɛku no. Ɔno ara ne mogya bɛbua ne tiri so.
14 “‘Afei, fa no sɛ obi nso wɔ ba a ɔhu ne papa bɔne nyinaa, nanso ɔnyɛ bi. 15 Ɔnyɛ obi a ɔdi nneɛma a wɔde abɔ afɔreɛ ama abosom wɔ bepɔ so, ɔmfa n’ani nto Israel fie abosom fĩ so, na ɔngu ne yɔnko yere ho fĩ, 16 ɔntan obiara ani, ɔde adeɛ a ohiani de asi awowa san ma no, ɔmmɔ obiara apoo nhwim ne nsam nneɛma, ɔde n’aduane ma deɛ ɛkɔm de no, na deɛ ne ho da so nso, ɔfira no ntoma; 17 ɔnhyɛ ahiafoɔ so, ɔmmɔ bosea nnye nsiho anaa ɔmfa mpɛ mfaso bɔne, ɔdi m’atemmusɛm so na ɔnante m’ahyɛdeɛ mu. Onipa a ɔte saa no renwu wɔ ne papa bɔne ho. Nkwa na ɔbɛnya. 18 Ne papa deɛ, ɔsisii nkurɔfoɔ na ɔbɔɔ ne nua apoo hwim ne nneɛma, na deɛ ɛnyɛ na ɔyɛɛ wɔ ne man mu, enti ɔbɛwu ne bɔne mu.
19 “‘Nanso mobɛbisa sɛ: “Ɛdeɛn nti na ɔba no ansoa ne papa bɔne no bi?” Ɔba no deɛ, ɔdii asɛntenenee yɛɛ deɛ ɛtene, na ɔdii m’ahyɛdeɛ nyinaa so. Enti nkwa na ɔbɛnya.+ 20 Ɔkra* a ɔyɛ bɔne no, ɔno na ɔbɛwuo.+ Ɔba rensoa n’agya bɔne, na agya nso rensoa ne ba bɔne. Ɔteneneeni bɛnya ɔno ara ne tenenee so akatua, na ɔbɔnefoɔ nso bɛnya ɔno ara ne bɔne so akatua.+
21 “‘Sɛ ɔbɔnefoɔ twe ne ho firi ne bɔne a wayɛ nyinaa ho bɛdi m’ahyɛdeɛ so, na ɔdi asɛntenenee na ɔyɛ deɛ ɛtene a, nkwa na ɔbɛnya; ɔrenwu.+ 22 Bɔne a wayɛ atwam biara no, ɛho asodie renna ne so.*+ Adetenenee a wayɛ nti, ɔbɛnya nkwa.’+
23 “‘Deɛ mepɛ ne sɛ ɔbɔnefoɔ bɛwu anaa?+ Ɛnyɛ deɛ m’ani gye ho mmom ne sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri n’akwan ho na wanya nkwa?’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
24 “‘Nanso sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee ho kɔyɛ nneɛma bɔne, na ɔyɛ akyiwadeɛ a abɔnefoɔ yɛ no nyinaa bi a, ɔbɛnya nkwa anaa? Adetenenee a wayɛ no mu biara nni hɔ a wɔbɛkae.+ Nokorɛ a wanni ne ne bɔne nti, ɔbɛwu.+
25 “‘Na mobɛka sɛ: “Yehowa akwan ntene.”+ O Israel fie, mesrɛ mo, montie! Ɛyɛ me na m’akwan ntene?+ Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan ntene?+
26 “‘Sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee ho kɔyɛ nneɛma bɔne na ɛno nti ɔwu a, ɔno ara ne bɔne na ama no awuo.
27 “‘Na sɛ ɔbɔnefoɔ twe ne ho firi ne kwammɔne ho bɛdi asɛntenenee na ɔyɛ deɛ ɛtene a, ɔbɛgye ne ho* nkwa.+ 28 Sɛ n’ani ba ne ho so na ɔgyae ne bɔne nyinaa a, nkwa na ɔbɛnya; ɔrenwu.
29 “‘Nanso Israel fie bɛka sɛ: “Yehowa akwan ntene.” O Israel fie,+ ɛyɛ me na m’akwan ntene? Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan ntene?’
30 “‘Enti Israel fie, mɛbu mo mu biara atɛn sɛdeɛ n’akwan teɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. ‘Monsan, montwe mo ho koraa mfiri mo akwammɔne nyinaa ho, na mommma no nnyɛ suntidua mmma mo na asodie ammɛda mo so. 31 Montwe mo ho mfiri mo bɔne nyinaa ho,+ na monnya* akoma foforɔ ne honhom foforɔ.+ O Israel fie, adɛn nti na ɛsɛ sɛ mowuo?’+
32 “‘Ɛnyɛ deɛ mepɛ ne sɛ obi bɛwu.+ Enti monsakra na monnya nkwa,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”