Krataa a Ɛdi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ
9 Menne me ho anaa? Menyɛ ɔsomafoɔ anaa? Menhuu yɛn Awurade Yesu anaa?+ Ɛnyɛ mone m’adwuma wɔ Awurade mu anaa? 2 Sɛ menyɛ ɔsomafoɔ mma ebinom mpo a, mo deɛ, meyɛ ma mo! Mone ahyɛnsodeɛ a ɛsi so dua sɛ meyɛ Awurade somafoɔ.
3 Wɔn a wɔkasa tia me no, deɛ mewɔ ka kyerɛ wɔn nie: 4 Yɛwɔ hokwan* sɛ yɛdidi na yɛnom, ɛnte saa? 5 Yɛwɔ hokwan sɛ yɛware ɔbaa a ɔyɛ gyidini na yɛde no ka yɛn ho+ sɛdeɛ asomafoɔ a aka no ne Awurade nuanom+ ne Kefa*+ yɛeɛ no, ɛnte saa? 6 Anaa me ne Barnaba+ nko ara na yɛnni ho kwan sɛ yɛgyae adwuma a yɛyɛ de hwɛ yɛn ho no? 7 Ɔsraani bɛn na ɔno ara tua ne ho ka? Hwan na ɔyɛ bobefuo* a ɔnni mu aba?+ Anaasɛ hwan na ɔhwɛ mmoa a ɔnnom wɔn nufosuo no bi?
8 Nnipa adwene na mede reka nsɛm yi anaa? Ɛnyɛ saa na Mmara no nso ka anaa? 9 Na wɔatwerɛ no Mose Mmara no mu sɛ: “Sɛ nantwie reporo hwiit* a, ɛnsɛ sɛ wokyekyere n’ano.”+ Anantwie na wɔn ho hia Onyankopɔn anaa? 10 Anaa yɛn mmom nti na ɔkaa saa? Deɛ ɛwom ne sɛ, yɛn nti na wɔtwerɛeɛ, ɛfiri sɛ deɛ ɔfuntum asaase ne deɛ ɔporo ayuo no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa a wɔwɔ anidasoɔ sɛ wɔbɛnya wɔn kyɛfa.
11 Sɛ yɛadua honhom fam nneɛma wɔ mo mu, na sɛ yɛtwa honam fam nneɛma firi mo hɔ a, ɛboro so anaa?+ 12 Sɛ afoforɔ wɔ hokwan* sɛ wɔnya nneɛma a ɛte saa firi mo hɔ a, ɛnneɛ yɛnni hokwan mmoro saa? Nanso yɛmfaa saa hokwan no nyɛɛ adwuma,+ na mmom yɛde animia gyina tebea biara mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛremfa biribiara nsi Kristo asɛmpa no kwan.+ 13 Monnim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma kronkron no di asɔrefie nneɛma no bi anaa? Na monnim sɛ wɔn a wɔsom wɔ afɔrebukyia ho daa no nso nya wɔn kyɛfa firi afɔrebukyia no so anaa?+ 14 Saa ara nso na Awurade ahyɛ sɛ, wɔn a wɔka asɛmpa no mfa asɛmpa no so ntena ase.+
15 Nanso memfaa nhyehyɛeɛ yi mu baako mpo nnii dwuma.+ Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ sɛ meretwerɛ weinom na ama me nsa aka saa nneɛma no; anka ɛyɛ ma me sɛ mɛwu mmom. Obiara rentumi nnye deɛ mede hoahoa me ho no mfiri me nsam!+ 16 Sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ adeɛ a ɛsɛ sɛ mede hoahoa me ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ asɛdeɛ a ɛda me so. Sɛ manka asɛmpa no a, mennue!+ 17 Sɛ meyi me yam yɛ a, mewɔ akatua; na sɛ mede amemenemfe yɛ mpo a, ne nyinaa mu no, wɔde efiehwɛ adwuma bi ahyɛ me nsa.+ 18 Ɛnneɛ, deɛn ne m’akatua? Ɛne sɛ, sɛ mereka asɛmpa no a, mede asɛmpa no bɛma kwa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a meremfa tumi* a asɛmpa no ama manya no nni dwuma kwammɔne so.
19 Ɛwom, menne onipa biara ka,* nanso mayɛ me ho akoa ama obiara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛnya nnipa dodoɔ biara a mɛtumi. 20 Meyɛɛ me ho sɛ Yudani maa Yudafoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛnya Yudafoɔ.+ Wɔn a wɔwɔ mmara ase no, meyɛɛ me ho sɛ obi a ɔwɔ mmara ase maa wɔn, ɛwom sɛ me ara menni mmara ase deɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛnya wɔn a wɔwɔ mmara ase no.+ 21 Wɔn a wɔnni mmara no, meyɛɛ me ho sɛ obi a ɔnni mmara maa wɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛnya wɔn a wɔnni mmara no. Ɛno nkyerɛ sɛ menni mmara ase wɔ Onyankopɔn mu; mewɔ mmara ase wɔ Kristo mu.+ 22 Wɔn a wɔyɛ mmerɛ no, meyɛɛ mmerɛ maa wɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛnya wɔn a wɔyɛ mmerɛ.+ Mayɛ biribiara ama nnipa ahodoɔ nyinaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛfa kwan biara so agye ebinom nkwa. 23 Asɛmpa no nti na meyɛ adeɛ nyinaa, na ama matumi aka bi akyerɛ afoforɔ.+
24 Monnim sɛ wɔn a wɔtu mmirika de si akan no, wɔn nyinaa tu mmirika no bi deɛ, nanso ɔbaako pɛ na ɔnya abasobɔdeɛ* no? Montu mmirika no wɔ kwan bi so a ɛbɛma moanya abasobɔdeɛ no.+ 25 Obiara a ɔsi akan no* hyɛ ne ho so wɔ nneɛma nyinaa mu. Wɔyɛ saa na wɔanya abotire a ɛsɛe,+ na yɛn deɛ, yɛyɛ saa na yɛanya abotire a ɛnsɛe.+ 26 Ne saa nti, mmirika a meretu no, mentu no biarabiara;+ twɛdeɛ a meretoto no, mehwɛ na mantoto no sɛdeɛ mereboro mframa; 27 mmom meboro me nipadua,*+ na mehyɛ no sɛ akoa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a meka asɛm no kyerɛ nkurɔfoɔ wie a, me ara mammɛyɛ obi a ɛkwan bi so no ɔmfata.