Asomafoɔ Nnwuma
17 Afei wɔkɔfaa Amfipoli ne Apolonia, na wɔbaa Tesalonika;+ ɛhɔ na na Yudafoɔ hyiadan wɔ. 2 Na sɛdeɛ na Paul taa yɛ no,+ ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ hɔ, na ɔde homeda mmiɛnsa ne wɔn susuu Twerɛnsɛm no mu nsɛm ho,+ 3 na ɔkyerɛkyerɛɛ mu de adanseɛ ahodoɔ kyerɛɛ sɛ na ɛhia sɛ Kristo no hunu amane+ na ɔsɔre firi awufoɔ mu.+ Ɔkaa sɛ: “Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi, ɔno ne Kristo no.” 4 Ɛno nti, wɔn mu binom bɛyɛɛ agyidifoɔ, na wɔde wɔn ho bataa Paul ne Silas ho.+ Na Greecefoɔ dɔm kɛseɛ bi a wɔsom Onyankopɔn, ne mmaa atitire bi a wɔdɔɔso pii nso yɛɛ saa ara.
5 Na ahoɔyaa nti,+ Yudafoɔ no boaboaa mmarima bi ano, nsɛmmɔnedifoɔ a wɔnenam dwa so kwa. Na wɔkaa wɔn ho boom yɛɛ basabasa, na wɔmaa kuro no mu yɛɛ bagyabagya. Wɔbɔ wuraa Yason fie kɔhwɛɛ sɛ wɔbɛnya Paul ne Silas, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɛbrɛ basabasayɛfoɔ no. 6 Berɛ a wɔanhu wɔn no, wɔtwee Yason ne anuanom binom kɔmaa kuro no mu atumfoɔ, na wɔteateaam sɛ: “Mmarima a wɔadane wiase abutuo* no aba ha nso,+ 7 na Yason agye wɔn aba ne fie. Saa mmarima yi nyinaa sɔre tia Kaesare ahyɛdeɛ,* na wɔka sɛ ɔhene foforɔ bi wɔ hɔ a ɔne Yesu.”+ 8 Berɛ a nnipadɔm no ne kuro no mu atumfoɔ tee weinom no, wɔn akoma tui. 9 Na wɔmaa Yason ne wɔn a aka no tuaa biribi de dii agyinamu, ɛnna wɔgyaa wɔn maa wɔkɔeɛ.
10 Anadwo no ara, anuanom no maa Paul ne Silas kɔɔ Beroia. Berɛ a wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu. 11 Ná weinom wɔ adwempa sene wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, ɛfiri sɛ wɔde wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no, na da biara, na wɔhwehwɛ Twerɛnsɛm no mu yie hwɛ sɛ nsɛm no te saa anaa. 12 Enti wɔn mu pii bɛyɛɛ agyidifoɔ, na Greecefoɔ mmaa ne mmarima atitire pii nso yɛɛ saa ara. 13 Na Yudafoɔ a wɔfiri Tesalonika no tee sɛ Paul reka Onyankopɔn asɛm wɔ Beroia nso, enti wɔbaa hɔ bɛtutu guu ɔmanfoɔ no asom maa wɔyɛɛ basabasa.+ 14 Ntɛm ara na anuanom no gyaa Paul kwan maa no kɔɔ mpoano.+ Silas ne Timoteo deɛ, wɔkɔɔ so tenaa hɔ. 15 Nanso, wɔn a wɔkɔgyaa Paul kwan no de no kɔeɛ ara kɔduruu Atene. Na Paul ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo+ sɛ wɔmmra ne nkyɛn ntɛm. Ɛno akyi no, wɔsan kɔeɛ.
16 Berɛ a na Paul retwɛn Silas ne Timoteo wɔ Atene no, ɔhuu sɛ ahoni ahyɛ kuro no ma, na ɛyɛɛ no* ahomete. 17 Enti ɔne Yudafoɔ ne nnipa a aka a wɔsom Onyankopɔn no susuu nsɛm ho wɔ hyiadan no mu. Na da biara, na ɔne wɔn a wɔba dwa so no nso susu nsɛm ho. 18 Nanso Epikurofoɔ ne Stoafoɔ nyansapɛfoɔ bi firii aseɛ ne no gyee akyinnyeɛ. Ebinom kaa sɛ: “Ɛdeɛn koraa na kasatenten wura yi pɛ sɛ ɔkyerɛ?” Ɛnna ebinom nso kaa sɛ: “Gyama ɔyɛ obi a ɔka anyame foforɔ ho asɛm.” Deɛ enti a wɔkaa saa ne sɛ, na Paul reka Yesu ne owusɔreɛ ho asɛmpa no.+ 19 Enti wɔfaa no de no kɔɔ Areopago, na wɔkaa sɛ: “Nkyerɛkyerɛ foforɔ a woreka ho asɛm no, kyerɛkyerɛ mu kyerɛ yɛn. 20 Ɛfiri sɛ woreka nsɛm bi a ɛyɛ foforɔ koraa wɔ yɛn asom. Enti yɛpɛ sɛ yɛhunu deɛ nsɛm yi kyerɛ.” 21 Deɛ ɛwom ne sɛ, Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a wɔabɛtena hɔ nyinaa, sɛ wɔnni hwee yɛ a, deɛ wɔyɛ ara ne sɛ wɔka nsɛm foforɔ anaa wɔtie nsɛm foforɔ. 22 Ɛnna Paul sɔre gyinaa Areopago+ no mfimfini, na ɔkaa sɛ:
“Atene mmarima, mahu sɛ adeɛ nyinaa mu, ayɛ sɛ mopɛ nyamesom* sene afoforɔ.+ 23 Ɛfiri sɛ berɛ bi a meretwam a metoo me bo ase hwɛɛ nneɛma a mosom no, mehuu afɔrebukyia bi mpo a wɔatwerɛ ho sɛ ‘Onyame a Yɛnnim No No Dea.’ Enti deɛ mosom no a monnim no no, ɔno ara na mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi. 24 Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no, ɔno ne ɔsoro ne asaase Wura.+ Enti ɔnte asɔredan a nnipa de wɔn nsa asi mu.+ 25 Ɔnhia nso sɛ nnipa de wɔn nsa som no, ɛfiri sɛ biribiara nhia no.+ Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome+ ne nneɛma nyinaa. 26 Na ɔmaa aman nyinaa mu nnipa firii onipa baako mu+ sɛ wɔntena asaase nyinaa so.+ Na ɔhyɛɛ mmerɛ too hɔ, ɛnna ɔde ahyeɛ nso totoo baabi a nnipa bɛtena,+ 27 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn, na wɔapɛ n’akyiri kwan dendeenden akɔsi sɛ wɔbɛhu no,+ nanso nokwasɛm ne sɛ ɔne yɛn mu biara ntam nware. 28 Na ɛnam ne so na yɛwɔ nkwa, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ. Mo ara mo nkurɔfoɔ a wɔtwerɛ anwensɛm no, ebinom mpo aka sɛ, ‘Yɛn nso, yɛyɛ ne mma.’
29 “Enti ɛsiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma+ nti, ɛnsɛ sɛ yɛnya adwene sɛ, Tweaduampɔn no te sɛ sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ anaa ɛboɔ, anaa adwini bi a onipa adi anaa biribi a onipa abɔ ne tirim ayɛ.+ 30 Ampa, Onyankopɔn buu n’ani guu mmerɛ a na nnipa nnim hwee no so.+ Nanso afei deɛ, ɔreka akyerɛ nnipa a ɛwɔ baabiara sɛ obiara nsakra n’adwene. 31 Ɛfiri sɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ, ɔnam ɔbarima bi a wayi no so bɛbu asaase atɛn+ wɔ tenenee mu. Na wanyane saa ɔbarima no afiri awufoɔ mu de asi so dua akyerɛ nnipa nyinaa.”+
32 Na berɛ a wɔtee owusɔreɛ ho asɛm no, ebinom firii aseɛ dii fɛ,+ na ebinom nso kaa sɛ: “Yɛbɛsan atie wo bio wɔ asɛm yi ho.” 33 Enti Paul gyaa wɔn hɔ kɔe, 34 nanso mmarima bi de wɔn ho bɔɔ no, na wɔbɛyɛɛ agyidifoɔ. Wɔn mu bi ne Dionisio a ɔyɛ Areopago badwa no temmufoɔ, ne ɔbaa bi a wɔfrɛ no Damari, ne afoforɔ bi.