Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; ɛkwan a wɔfa so to no: “Akyirikyiri Aburuburo a Ɔnyɛ Dede.” Dawid dwom. Miktam.* Saa berɛ no na Filistifoɔ kyee no wɔ Gat+ no.
56 O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na ɔdasani atu n’ani asi me so.*
Daa nyinaa wɔne me ko, na wɔhyɛ me so.
2 Daa m’atamfo pɛ sɛ wɔmene me;
Ahantan nti, wɔn mu bebree ko tia me.
3 Sɛ mebɔ hu a,+ mede me ho to wo so.+
4 Onyankopɔn a meyi n’asɛm ayɛ no,
Ɔno ne Onyankopɔn a mede me werɛ ahyɛ ne mu; mensuro.
Ɛdeɛn na onipa dasani* bɛtumi ayɛ me?+
7 Wɔn amumuyɛ nti, po wɔn.
O Onyankopɔn, fa abufuo brɛ amanaman ase.+
8 W’ani tua m’akyinkyinakyinkyini nyinaa.+
Fa me nisuo gu wo nsuo kotokuo* mu.+
Wontwerɛɛ no wo nwoma+ mu anaa?
9 Ɛda a mɛsu afrɛ wo no, m’atamfo bɛdane wɔn ho adwane;+
Awerɛhyɛmu a mewɔ ne sɛ, Onyankopɔn wɔ m’afã.+
10 Onyankopɔn a meyi n’asɛm ayɛ no,
Yehowa a meyi n’asɛm ayɛ no,
Ɛdeɛn na onipa dasani bɛtumi ayɛ me?+