Hesekiel
39 “Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm tia Gog+ na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Gog, Mesek ne Tubal ɔberempɔn kunini,+ me ne wo wɔ asɛm. 2 Mɛma w’adwene asesa, na mɛdi w’anim atwe wo afiri atifi fam akyirikyiri,+ na mede wo aba Israel mmepɔ so. 3 Mɛbɔ w’agyan afiri wo nsa benkum mu atwene, na mɛma wo mmɛmma afiri wo nsa nifa mu agu fam. 4 Wo ne w’asraafoɔdɔm ne aman a wɔka wo ho nyinaa bɛwuwu Israel mmepɔ so.+ Mede wo bɛyɛ aduane ama nnomaa ahodoɔ a wɔdi nam, ne wuram mmoa.”’+
5 “‘Wobɛwu wuram wɔ petee mu;+ me na maka,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
6 “‘Mede gya bɛba Magog ne wɔn a wɔte nsupɔ so dwoodwoo no so,+ na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa. 7 Mɛma wɔahu me din kronkron no wɔ me man Israel mu, na meremma wɔngu me din kronkron no ho fĩ bio, na amanaman no bɛhu sɛ mene Yehowa,+ Ɔkronkronni a ɔwɔ Israel no.’+
8 “‘Aane, ɛbɛba na ɛbɛyɛ hɔ,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. ‘Wei ne da a mekaa ho asɛm no. 9 Wɔn a wɔtete Israel nkuro mu bɛfiri adi, na wɔde akodeɛ, kyerɛ sɛ, akyɛm nketewa* ne akɛseɛ, agyan, mmɛmma, mporibaa,* ne mpea bɛsɔ gya; wɔde bɛsɔ gya+ mfeɛ nson. 10 Wɔrenkɔhwehwɛ mmabaawa wɔ wuram, na wɔrenkɔ anyina wɔ kwaeɛ mu; wɔde akodeɛ na ɛbɛsɔ gya.’
“‘Wɔn a berɛ bi wɔbɛfaa wɔn nneɛma no, wɔn nso bɛfa wɔn nneɛma, na wɔn a berɛ bi wɔbɛfom wɔn nneɛma no, wɔn nso bɛfom wɔn nneɛma,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
11 “‘Saa da no, mɛma Gog+ anya asieeɛ wɔ Israel, wɔ ɛbɔn a nnipa fa mu a ɛwɔ po no apueeɛ fam no mu, na ɛbɛsi wɔn a wɔfa hɔ no kwan. Na wɔbɛsie Gog ne ne dɔm nyinaa wɔ hɔ, na wɔbɛfrɛ hɔ Hamon-Gog Bɔn.*+ 12 Israel fie de abosome nson bɛsie wɔn de ate asaase no ho.+ 13 Asaase no sofoɔ nyinaa bɛsie wɔn, na wei bɛma wɔagye din, da a mɛhyɛ me ho animuonyam no,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
14 “‘Wɔbɛyi nnipa ama wɔakyinkyini afa asaase no so daa, na wɔasie wɔn a aka asaase no so de ate ho. Wɔbɛkɔ so akyinkyini abosome nson de ahwehwɛ. 15 Sɛ wɔn a wɔfa asaase no so hu onipa dompe a, wɔbɛhyɛ no agyiraeɛ kɔsi sɛ wɔn a wɔsie nnipa no bɛba abɛsie wɔ Hamon-Gog Bɔn no mu.+ 16 Na kuro bi nso bɛwɔ hɔ a wɔfrɛ no Hamona.* Na wɔbɛte asaase no ho.’+
17 “Na wo, onipa ba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ka kyerɛ nnomaa ahodoɔ ahodoɔ ne wuram mmoa nyinaa sɛ: “Mommoaboa mo ho ano mmra. Mommɛhyiam wɔ afɔreɛ kɛse a merebɔ ama mo wɔ Israel mmepɔ so no ase.+ Mobɛdi nam anom mogya.+ 18 Mobɛdi atumfoɔ nam anom asaase so aberempɔn mogya. Wɔyɛ adwennini, nnwan mma, mpɔnkyenini, ne anantwinini; wɔn nyinaa yɛ Basan mmoa a wɔadɔre sradeɛ. 19 Na mobɛdi sradeɛ amee aboro so, na moanom mogya abobo wɔ afɔreɛ a mɛbɔ ama mo no ase.”’
20 “‘Mɛto pono ama moabɛdi apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete nteaseɛnam mu ne atumfoɔ ne akofoɔ nyinaa nam amee,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
21 “‘Mɛda m’animuonyam adi wɔ amanaman no mu, na aman nyinaa bɛhu m’atemmuo ne me tumi* a mada no adi wɔ wɔn mu no.+ 22 Ɛfiri saa da no rekɔ no, Israel fie bɛhu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn. 23 Na amanaman no bɛhu sɛ Israel fie bɔne nti na wɔtuu wɔn firii wɔn man mu, na ɛsiane sɛ wɔanni me nokorɛ nti+ na mede m’anim hintaa wɔn,+ na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa,+ na wɔn nyinaa wuwuu sekan ano. 24 Sɛdeɛ wɔn bra fĩ* ne wɔn mmarato teɛ no, saa ara na me ne wɔn diiɛ, na mede m’anim hintaa wɔn.’
25 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Afei deɛ, mede Yakob asefoɔ a wɔtuu wɔn kɔɔ aman foforɔ so no bɛsan aba,+ na mahu Israel fie nyinaa mmɔbɔ,+ na mede nsi bɛbɔ me din kronkron no ho ban.*+ 26 Ɛsiane sɛ wɔanni me nokorɛ nti, wɔn anim bɛgu ase,+ na ɛno akyi no, wɔbɛtena wɔn asaase so dwoodwoo a obiara renhunahuna wɔn.+ 27 Sɛ meyi wɔn firi amanaman mu ba, na meboaboa wɔn ano firi wɔn atamfo nsaase so+ a, mɛte me din ho wɔ wɔn mu ama aman pii ahunu.’+
28 “‘Sɛ metu wɔn kɔ aman foforɔ so, na mesan kɔfa wɔn ba wɔn asaase so na mannya obiara wɔ hɔ a,+ wɔbɛhu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn. 29 Merenyi m’ani mfiri wɔn so bio,+ ɛfiri sɛ mɛhwie me honhom agu Israel fie so,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”