Asomafoɔ Nnwuma
15 Na nnipa bi firi Yudea siane bae, na wɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: “Sɛ moantwa twetia* sɛdeɛ Mose amanneɛ no teɛ a,+ morentumi nnya nkwa.” 2 Na akasakasa ne akyinnyegyeɛ a emu yɛ den kɔɔ so wɔ wɔne Paul ne Barnaba ntam. Enti wɔyɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ Paul ne Barnaba ne wɔn mu binom nkɔ* asomafoɔ no ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no nkyɛn,+ na wɔmfa asɛm* no nkɔto wɔn anim.
3 Na asafo no gyaa wɔn kwan kakra. Na mmarima no kɔfaa Foinike ne Samaria, na wɔkaa sɛdeɛ amanaman mufoɔ no asakra wɔn adwene no ho asɛm pii kyerɛɛ anuanom no, na ɛmaa anuanom no nyinaa ani gyee paa. 4 Berɛ a wɔduruu Yerusalem no, asafo no ne asomafoɔ no ne mpanimfoɔ no gyee wɔn kama, na wɔkaa nneɛma bebree a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ no kyerɛɛ wɔn. 5 Nanso, ebinom a na wɔka Farisifoɔ fekuo no ho a na wɔabɛyɛ agyidifoɔ no sɔre firii wɔn nkonnwa so, na wɔkaa sɛ: “Ɛhia sɛ wɔtwa wɔn twetia, na wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnni Mose Mmara no so.”+
6 Ɛno nti, asomafoɔ no ne mpanimfoɔ no hyiaa sɛ wɔrebɛhwɛ aka asɛm no. 7 Na wɔsusuu asɛm no ho kɔɔ akyiri.* Ɛnna Petro sɔreeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima, anuanom, mo ara monim sɛ, mfitiaseɛ pɛɛ na Onyankopɔn hwɛɛ mo mu yii me sɛ amanaman mufoɔ mfa m’anom asɛm so nte asɛmpa no na wɔnnye nni.+ 8 Na Onyankopɔn a ɔnim deɛ ɛwɔ akomam+ no maa wɔn honhom kronkron+ de dii adanseɛ, sɛdeɛ ɔyɛ maa yɛn no. 9 Na wamma nsonsonoeɛ biara amma yɛne wɔn ntam,+ na mmom ɔnam gyidie so dwiraa wɔn akoma ho.+ 10 Ɛnneɛ, adɛn nti na moresɔ Onyankopɔn ahwɛ, na mode kɔndua+ a yɛne yɛn agyanom antumi ansoa reto asuafoɔ no kɔn ho?+ 11 Mmom yɛgye di sɛ, sɛdeɛ wɔnam Awurade Yesu adom so agye yɛn no,+ saa ara na wɔagye wɔn nso.”+
12 Berɛ a ɔkaa saa no, nnipadɔm no nyinaa yɛɛ komm. Ɛnna Barnaba ne Paul kaa nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ bebree a Onyankopɔn nam wɔn so yɛɛ wɔ amanaman mu no kyerɛɛ wɔn, na nnipadɔm no tiee wɔn. 13 Berɛ a wɔkasa wieeɛ no, Yakobo kaa sɛ: “Mmarima, anuanom, montie me. 14 Simeon+ aka no pefee ama yɛahunu sɛdeɛ Onyankopɔn danee n’ani kɔɔ amanaman no so berɛ a ɛdi kan na ɔyii nnipa bi firii wɔn mu de ne din too wɔn so no.+ 15 Wei ne nsɛm a Adiyifoɔ no atwerɛ no hyia. Wɔatwerɛ sɛ: 16 ‘Weinom akyi no, mɛsan aba, na mɛma Dawid ntomadan* a ahwe ase no so asi hɔ bio; mɛsan asi deɛ adwiri agu no, na mama no asi ne dada mu bio, 17 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa a aka no ne amanaman mufoɔ nyinaa, nnipa a me din da wɔn so no, bɛhwehwɛ Yehowa* dendeenden, Yehowa* a ɔreyɛ nneɛma yi asɛm nie,+ 18 nneɛma a wɔnim firi tete no.’+ 19 Enti me deɛ, m’adwene ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛha wɔn a wɔfiri amanaman mu reba Onyankopɔn nkyɛn no,+ 20 na mmom yɛntwerɛ nkɔma wɔn sɛ, wɔntwe wɔn ho mfiri nneɛma a abosom agu ho fĩ+ ne adwamammɔ*+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu ne mogya ho.+ 21 Na ɛfiri tete mmerɛ mu no, Mose wɔ wɔn a wɔka ne ho asɛm wɔ nkuro nkuro so, ɛfiri sɛ homeda biara wɔkenkan ne nsɛm den wɔ hyia adan mu.”+
22 Afei asomafoɔ no ne mpanimfoɔ no ne asafo no nyinaa sii gyinaeɛ sɛ, wɔbɛyi mmarima bi afiri wɔn mu aka Paul ne Barnaba ho akɔ Antiokia. Enti wɔsomaa Yuda a wɔfrɛ no Barsaba ne Silas.+ Ná wɔyɛ mmarima a wɔdi anuanom anim. 23 Wɔtwerɛɛ nsɛm yi, na wɔde somaa wɔn:
“Mo nuanom asomafoɔ ne mpanimfoɔ na ɛretwerɛ mo yi. Yɛde rebrɛ anuanom a wɔfiri amanaman mu a wɔwɔ Antiokia+ ne Siria ne Kilikia: Asomdwoeɛ nka mo! 24 Yɛate sɛ yɛn mu bi aba mo nkyɛn, na wɔrekeka nsɛm bi de reha mo,+ na wɔpɛ sɛ wɔsɛe mo adwene. Nanso yɛmmaa wɔn akwankyerɛ biara. Ɛno nti, 25 yɛayɛ adwenkorɔ sɛ yɛbɛyi mmarima bi aka yɛn adɔfoɔ Barnaba ne Paul ho, na yɛasoma wɔn aba mo nkyɛn. 26 Saa mmarima yi na yɛn Awurade Yesu Kristo din nti, wɔde wɔn ho* abɔ afɔreɛ.+ 27 Enti yɛresoma Yuda ne Silas, sɛ wɔn nso mfa wɔn ano mmɛka asɛm korɔ no ara nkyerɛ mo.+ 28 Na honhom kronkron+ no ne yɛn ara nso mpɛ sɛ yɛde adesoa foforɔ biara to mo so, gye weinom a ɛhia yi. Ɛne sɛ: 29 Montwe mo ho mfiri nneɛma a wɔde abɔ afɔreɛ ama abosom+ ne mogya+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu+ ne adwamammɔ*+ ho. Sɛ motwe mo ho koraa firi weinom ho a, ɛbɛwie mo yie. Ɛnsi mo yie!”*
30 Berɛ a wɔgyaa mmarima yi kwan no, mmarima no kɔɔ Antiokia, na wɔfrɛɛ nnipa no boaa ano, na wɔde krataa no maa wɔn. 31 Berɛ a wɔkenkan wieeɛ no, asɛm no hyɛɛ wɔn nkuran, na wɔdii ahurisie. 32 Na ɛsiane sɛ Yuda ne Silas nso yɛ adiyifoɔ nti, wɔkaa nsɛm pii de hyɛɛ anuanom no nkuran, na wɔhyɛɛ wɔn den.+ 33 Wɔdii berɛ kakra wɔ hɔ, na ɛno akyi no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwoeɛ mu kɔɔ wɔn a wɔsomaa wɔn no nkyɛn. 34 *—— 35 Nanso Paul ne Barnaba deɛ, wɔkɔɔ so tenaa Antiokia, na wɔne afoforɔ pii kyerɛkyerɛeɛ, na wɔkaa asɛmpa no, kyerɛ sɛ, Yehowa* asɛm.
36 Na nna bi akyi no, Paul ka kyerɛɛ Barnaba sɛ: “Ma yɛnsan nkɔ* anuanom nkyɛn wɔ kuro biara a yɛkaa Yehowa* asɛm wom no mu, na yɛnkɔhwɛ sɛdeɛ wɔn ho teɛ.”+ 37 Ná Barnaba abɔ ne tirim sɛ ɔde Yohane a wɔfrɛ no Marko no bɛka wɔn ho akɔ.+ 38 Nanso na Paul ne no nyɛ adwene sɛ wɔde Marko bɛka wɔn ho akɔ, ɛfiri sɛ ɔgyaa wɔn hɔ wɔ Pamfilia, na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no.+ 39 Wei de akasakasa a emu yɛ den bae, na obiara faa ne kwan. Na Barnaba+ faa Marko kaa ne ho, na wɔfaa po so hyɛn kɔɔ Kipro. 40 Ɛnna Paul faa Silas, na anuanom de Paul hyɛɛ Yehowa* nsa sɛ ɔmfa n’adom mmoa no.+ Afei ɔfirii hɔ kɔeɛ. 41 Na ɔkɔfaa Siria ne Kilikia, na ɔhyɛɛ asafo ahodoɔ no den.