Ɔde Kɔmaa Romafoɔ
10 Anuanom, nokwasɛm ne sɛ, deɛ m’akoma pɛ ne deɛ mekoto srɛ Onyankopɔn ma wɔn ne sɛ wɔbɛnya nkwa.+ 2 Ɛfiri sɛ medi wɔn ho adanseɛ sɛ wɔyere wɔn ho sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn,+ nanso ɛnyɛ nokorɛ nimdeɛ na wɔde yɛ saa. 3 Ɛsiane sɛ wɔnnim Onyankopɔn tenenee+ nti, deɛ wɔn ankasa adwene yɛ wɔn sɛ ɛyɛ tenenee+ no, ɛno na wɔdi akyire. Ɛno nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase nhyɛɛ Onyankopɔn tenenee ase.+ 4 Na Kristo ne Mmara no awieeɛ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara a ɔgye di no, wɔbɛbu no ɔteneneeni.+
5 Mose twerɛɛ tenenee a ɛnam Mmara no so ba ho asɛm sɛ: “Onipa a ɔyɛ saa nneɛma yi nam so bɛnya nkwa.”+ 6 Nanso tenenee a ɛnam gyidie so ba no ka sɛ: “Nka no w’akoma mu sɛ,+ ‘Hwan na ɔbɛforo akɔ soro?’+ kyerɛ sɛ, ɔbɛkɔ akɔfa Kristo de no asiane aba fam, 7 anaasɛ, ‘Hwan na ɔbɛsiane akɔ amena donkodonko mu?’+ kyerɛ sɛ, ɔbɛkɔ akɔfa Kristo afiri awufoɔ mu aba.” 8 Mmom deɛn na ɛka? Ɛka sɛ: “Asɛm no bɛn wo, ɛwɔ wo ara w’anom ne wo ara w’akomam”;+ kyerɛ sɛ, gyidie “asɛm” a yɛka no. 9 Na sɛ wode w’ano ka kyerɛ nkurɔfoɔ sɛ Yesu ne Awurade,+ na wogye di wɔ w’akoma mu sɛ Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa. 10 Ɛfiri sɛ onipa akoma na ɔde gye di ma wɔbu no teneneeni, na n’ano na ɔde ka ne gyidie kyerɛ nkurɔfoɔ*+ ma ɔnya nkwa.
11 Twerɛnsɛm no ka sɛ: “Obiara a ɔnya ne mu gyidie no nsa rensi fam.”+ 12 Na nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Greeceni ntam.+ Awurade baako no ara na ɔdi obiara so, na ɔbue ne nsam ma* wɔn a wɔfrɛ no nyinaa. 13 Na “obiara a ɔbɛbɔ Yehowa* din afrɛ no no, ɔbɛnya nkwa.”+ 14 Nanso sɛ wɔnnye no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ ne din? Na sɛ wɔntee ne ho asɛm a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛgye no adi? Na sɛ obi anka asɛm no a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte? 15 Na sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛka asɛm no?+ Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Wɔn a wɔka nneɛma pa ho asɛmpa no nan ase yɛ fɛ dodo!”+
16 Nanso, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔtiee asɛmpa no. Na Yesaia kaa sɛ: “Yehowa,* hwan na wagye deɛ wate afiri yɛn nkyɛn* no adi?”+ 17 Enti gyidie nam deɛ wɔte so na ɛba.+ Na deɛ wɔte no nso nam Kristo ho asɛm no so na ɛba. 18 Nanso merebisa sɛ, Wɔante anaa? Wɔteeɛ. Nokwasɛm ne sɛ, “yɛtee wɔn nka wɔ wiase nyinaa, na wɔn nsɛm duruu asaase ano baabiara.”+ 19 Nanso merebisa sɛ, Ná Israel nnim anaa? Ná wɔnim.+ Deɛ ɛdi kan no, Mose kaa sɛ: “Menam wɔn a wɔnyɛ ɔman so bɛhuru mo bo;* menam ɔman agyimifoɔ so bɛhyɛ mo abufuo dendeenden.”+ 20 Nanso Yesaia sii ne bo kaa no pen sɛ: “Wɔn a na wɔnhwehwɛ me no, wɔn na mama wɔahu me;+ wɔn a wɔammisa m’akyiri akwan no, wɔn na mada me ho adi akyerɛ wɔn.”+ 21 Na ɔkaa Israel ho asɛm sɛ: “Matrɛ me nsam da mu nyinaa ama ɔman asoɔdenfoɔ a wɔasene wɔn kɔn.”+