Yesaia
64 O, sɛ anka wotetee ɔsoro mu siane baa fam
Maa wo nti, mmepɔ wosoe,
2 Sɛdeɛ egya hye anyina,
Na egya ma nsuo huru no a,
Anka w’atamfo bɛhunu wo din,
Na aman ho apopo w’anim!
4 Ɛfiri tete, obiara nteeɛ na ɛntwaa obiara aso mu,
Na ani biara nhuu Onyankopɔn bi a ɔdi ma wɔn a wɔkɔ so twɛn no,*+
Gye wo nko ara.
Hwɛ! Wo bo fui berɛ a yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne no;+
Yɛtenaa bɔne no mu kyɛe.
Afei wobɛgye yɛn nkwa anaa?
6 Yɛn nyinaa abɛyɛ sɛ obi a ne ho nteɛ,
Na adetenenee a yɛyɛ nyinaa te sɛ ntoma a ɔbaa yɛ bra a ɔde siesie ne ho.*+
Yɛn nyinaa yɛbɛtwintwam te sɛ ahaban,
Na yɛn bɔne bɛsoa yɛn akɔ sɛ mframa.
7 Obiara nni hɔ a ɔbɔ wo din,
Na obiara nni hɔ a ɔkanyan ne ho na ɔsɔ wo mu,
Ɛfiri sɛ wode w’anim ahinta yɛn,+
8 Afei, O Yehowa, wone yɛn Agya.+
Yɛsrɛ wo, hwɛ yɛn, na yɛn nyinaa yɛ wo man.
10 Wo nkuro kronkron adane serɛ.
Sion adane serɛ,
Na Yerusalem asɛe.+
11 Yɛn fie* kronkron a ɛwɔ animuonyam* no,
Baabi a yɛn agyanom yii wo ayɛ no,
Wɔde gya ahye,+
Na nneɛma a na ɛsom bo ma yɛn no nyinaa asɛe.
12 O Yehowa, wei nyinaa akyi, wobɛkɔ so ara ayi w’ani?
Wobɛtena hɔ dinn ama yɛn ho akyere yɛn dendeenden saa?+