Krataa a Ɛdi Kan a Ɔde Kɔmaa Tesalonikafoɔ
5 Afei anuanom, nna no ne mmerɛ no deɛ, ɛnhia sɛ wɔtwerɛ ho biribiara brɛ mo. 2 Na mo ara monim yie sɛ Yehowa* da+ no reba te sɛ deɛ korɔmfoɔ ba anadwo no.+ 3 Sɛ ɛba sɛ wɔreka sɛ: “Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ!”* a, ɛnneɛ mpofirim ara na ɔsɛeɛ bɛba wɔn so prɛko pɛ+ sɛdeɛ awoɔ mu yea* ba ɔbaa a ɔnyem so no; na wɔrentumi nnwane da. 4 Nanso anuanom, mo deɛ, monni sum mu na saa da no abɛto mo mpofirim te sɛ deɛ adekyeeɛ hann pue akorɔmfoɔ so no, 5 ɛfiri sɛ mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyeeɛ mma.+ Yɛnyɛ adesaeɛ anaa esum dea.+
6 Ɛno nti, mommma yɛnnna te sɛ wɔn a aka no,+ na mmom momma yɛnwɛn+ na yɛmma yɛn ani nna hɔ.+ 7 Ɛfiri sɛ wɔn a wɔda no, wɔda anadwo, na wɔn a wɔboro nsã no, wɔboro anadwo.+ 8 Na yɛn a yɛyɛ adekyeeɛ dea no deɛ, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ, na yɛnhyɛ nkwagyeɛ anidasoɔ no sɛ dadeɛ kyɛ.+ 9 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn anyi yɛn sɛ ɔbɛtwe yɛn aso,* na mmom ɔyii yɛn sɛ yɛmfa Awurade Yesu Kristo so nnya nkwa.+ 10 Ɔwu maa yɛn,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ yɛada* oo, sɛ yɛnnaeɛ oo, yɛne no bɛtena nkwa mu.+ 11 Enti monkɔ so nhyehyɛ mo ho nkuran* na monhyehyɛ mo ho den,+ sɛdeɛ moreyɛ no ara.
12 Afei anuanom, yɛsrɛ mo sɛ momfa obuo mma wɔn a wɔyɛ adwumaden wɔ mo mu a wɔdi mo anim wɔ Awurade mu na wɔtu mo fo no; 13 na ɛsiane adwuma a wɔreyɛ no nti, momfa anidie soronko mma wɔn, na monnɔ wɔn.+ Obiara ne ne yɔnko ntena asomdwoeɛ mu.+ 14 Berɛ korɔ no ara, anuanom, yɛtu mo fo sɛ wɔn a wɔnenam basabasa+ no, mommɔ wɔn kɔkɔ;* wɔn a wɔabotoɔ* no, monkyekye wɔn werɛ; wɔn a wɔyɛ mmerɛ no, mommoa wɔn; monnya nnipa nyinaa ho aboterɛ.+ 15 Monhwɛ na obiara amfa bɔne antua obiara bɔne so ka,+ na mmom berɛ nyinaa, obiara nhwehwɛ deɛ ɛyɛ mma ne yɔnko ne nnipa a aka nyinaa.+
16 Momma mo ani nnye daa.+ 17 Monnnyae mpaebɔ da.+ 18 Monna ase wɔ biribiara ho.+ Wei ne deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ wɔ Kristo Yesu mu. 19 Monnnum honhom no gya no.+ 20 Mommmu nkɔmhyɛ animtia.+ 21 Monhwehwɛ nneɛma nyinaa mu nhwɛ sɛ ɛyɛ nokorɛ anaa;+ na monsɔ deɛ ɛyɛ no mu pintinn. 22 Montwe mo ho mfiri bɔne biara ho.+
23 Asomdwoeɛ Nyankopɔn no ankasa nte mo ho koraa. Na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra* ne mo nipadua a dɛm biara nni ho no yie, na asɛm biara amma ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mmaeɛ no mu.+ 24 Deɛ ɔrefrɛ mo no yɛ ɔnokwafoɔ, na sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔbɛyɛ.
25 Anuanom, monkɔ so mmɔ mpaeɛ mma yɛn.+
26 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea anuanom nyinaa.
27 Meka no dendeenden kyerɛ mo wɔ Awurade mu sɛ monkenkan krataa yi nkyerɛ anuanom nyinaa.+
28 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.