Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Asomafoɔ Nnwuma 9
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafoɔ Nnwuma Mu Nsɛntitire

      • Saul nam kwan so rekɔ Damasko (1-9)

      • Wɔsomaa Anania sɛ ɔnkɔboa Saul (10-19a)

      • Saul kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko (19b-25)

      • Saul kɔɔ Yerusalem (26-31)

      • Petro saa Enea yareɛ (32-35)

      • Wɔnyanee ɔyamyɛfoɔ Dorka (36-43)

Asomafoɔ Nnwuma 9:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 8:3; 22:4; 26:10, 11; Ga 1:13; 1Ti 1:12, 13

Asomafoɔ Nnwuma 9:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “akyekyere.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 11:26; 22:4

Asomafoɔ Nnwuma 9:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 22:6-11; 26:13-18

Asomafoɔ Nnwuma 9:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 15:8
  • +Mt 25:45

Asomafoɔ Nnwuma 9:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 22:9

Asomafoɔ Nnwuma 9:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 13:11

Asomafoɔ Nnwuma 9:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 22:12

Asomafoɔ Nnwuma 9:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 21:39; 22:3

Asomafoɔ Nnwuma 9:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:17

Asomafoɔ Nnwuma 9:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɔnkyekyere wɔn; ɔmfa wɔn ngu mpokyerɛ mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:1, 2

Asomafoɔ Nnwuma 9:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 13:2; Ro 1:1; 1Ti 1:12
  • +Ro 1:5; Ga 2:7; 1Ti 2:7
  • +Aso 26:1; 27:24

Asomafoɔ Nnwuma 9:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 20:22, 23; 21:11; 2Ko 11:23-28; Kol 1:24; 2Ti 1:12

Asomafoɔ Nnwuma 9:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 22:12, 13

Asomafoɔ Nnwuma 9:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “biribi a ɛte sɛ abon.”

Asomafoɔ Nnwuma 9:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 26:19, 20

Asomafoɔ Nnwuma 9:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛkyekyere wɔn na ɔde wɔn akɔma.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 8:3; Ga 1:13, 23
  • +Aso 9:1, 2

Asomafoɔ Nnwuma 9:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Saul kɔɔ so kwadaree n’asɛnka mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 17:2, 3

Asomafoɔ Nnwuma 9:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 20:2, 3; 23:12; 2Ko 11:23

Asomafoɔ Nnwuma 9:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 11:32, 33

Asomafoɔ Nnwuma 9:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 1:18

Asomafoɔ Nnwuma 9:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 4:36, 37
  • +Aso 9:3, 4; 1Ko 9:1
  • +Aso 9:19, 20

Asomafoɔ Nnwuma 9:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 11:23, 26

Asomafoɔ Nnwuma 9:30

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔde no siane baa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 11:25; Ga 1:21

Asomafoɔ Nnwuma 9:31

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 8:1
  • +Yoh 14:16

Asomafoɔ Nnwuma 9:32

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔsiane kɔɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:38

Asomafoɔ Nnwuma 9:34

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 10:8; Aso 4:9, 10
  • +Aso 3:6

Asomafoɔ Nnwuma 9:36

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Greek din Dorka ne Aram din Tabita no, ne nyinaa kyerɛ “Wansane.”

Asomafoɔ Nnwuma 9:40

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 8:51
  • +Mt 9:24, 25; Lu 7:14, 15; Yoh 11:43, 44

Asomafoɔ Nnwuma 9:41

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 17:23

Asomafoɔ Nnwuma 9:42

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 11:44, 45

Asomafoɔ Nnwuma 9:43

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔhyɛ mmoa nwoma aduro.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:6, 32

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 9:1Aso 8:3; 22:4; 26:10, 11; Ga 1:13; 1Ti 1:12, 13
Aso. 9:2Aso 11:26; 22:4
Aso. 9:3Aso 22:6-11; 26:13-18
Aso. 9:51Ko 15:8
Aso. 9:5Mt 25:45
Aso. 9:7Aso 22:9
Aso. 9:9Aso 13:11
Aso. 9:10Aso 22:12
Aso. 9:11Aso 21:39; 22:3
Aso. 9:12Aso 9:17
Aso. 9:14Aso 9:1, 2
Aso. 9:15Aso 13:2; Ro 1:1; 1Ti 1:12
Aso. 9:15Ro 1:5; Ga 2:7; 1Ti 2:7
Aso. 9:15Aso 26:1; 27:24
Aso. 9:16Aso 20:22, 23; 21:11; 2Ko 11:23-28; Kol 1:24; 2Ti 1:12
Aso. 9:17Aso 22:12, 13
Aso. 9:19Aso 26:19, 20
Aso. 9:21Aso 8:3; Ga 1:13, 23
Aso. 9:21Aso 9:1, 2
Aso. 9:22Aso 17:2, 3
Aso. 9:23Aso 20:2, 3; 23:12; 2Ko 11:23
Aso. 9:252Ko 11:32, 33
Aso. 9:26Ga 1:18
Aso. 9:27Aso 4:36, 37
Aso. 9:27Aso 9:3, 4; 1Ko 9:1
Aso. 9:27Aso 9:19, 20
Aso. 9:292Ko 11:23, 26
Aso. 9:30Aso 11:25; Ga 1:21
Aso. 9:31Aso 8:1
Aso. 9:31Yoh 14:16
Aso. 9:32Aso 9:38
Aso. 9:34Mt 10:8; Aso 4:9, 10
Aso. 9:34Aso 3:6
Aso. 9:40Lu 8:51
Aso. 9:40Mt 9:24, 25; Lu 7:14, 15; Yoh 11:43, 44
Aso. 9:411Ah 17:23
Aso. 9:42Yoh 11:44, 45
Aso. 9:43Aso 10:6, 32
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
  • 42
  • 43
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Asomafoɔ Nnwuma 9:1-43

Asomafoɔ Nnwuma

9 Ná Saul da so ara rehunahuna Awurade asuafoɔ no, na na ɔpɛ sɛ ɔkunkum wɔn.+ Enti ɔkɔɔ ɔsɔfo panin no nkyɛn, 2 na ɔkɔkaa sɛ ɔmma no nkrataa nkɔ Damasko hyia adan mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi akye* obiara a ɔbɛhu sɛ ɔnam Ɛkwan No+ so, mmarima oo, mmaa oo, na ɔde wɔn aba Yerusalem.

3 Berɛ a ɔrekɔ a ɔreyɛ abɛn Damasko no, prɛko pɛ, hann bi firi soro hyerɛn twaa ne ho hyiaeɛ,+ 4 na ɔtwa hwee fam, na ɔtee sɛ nne bi rebisa no sɛ: “Saul, Saul, adɛn nti na woretan m’ani?” 5 Na Saul bisaa sɛ: “Ɛyɛ wo hwan, Owura?” Ɛnna ɛnne no kaa sɛ: “Ɛyɛ me Yesu+ a woretan m’ani no.+ 6 Sɔre na kɔ kuro no mu, na wɔbɛka deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.” 7 Saa berɛ no, na mmarima a wɔne no rekɔ no gyinagyina hɔ a wɔntumi nkasa. Ná wɔte paa sɛ nne bi rekasa, nanso na wɔnhunu obiara.+ 8 Na Saul sɔre firii fam. Ná n’ani gu so, nanso na ɔnhunu hwee. Enti wɔsosɔɔ ne nsa, na wɔde no kɔɔ Damasko. 9 Na wanhunu hwee nnansa;+ wannidi, na wannom biribiara nso.

10 Ná osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania.+ Awurade frɛɛ no anisoadehunu mu sɛ: “Anania!” Ɛnna ɔgyee so sɛ: “Awurade, menie.” 11 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre, kɔ borɔno a wɔfrɛ no Tẽẽ no so, na kɔ Yuda fie kɔhwehwɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saul, a ɔfiri Tarso no.+ Na hwɛ! ɔrebɔ mpaeɛ, 12 na wahu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania wɔ anisoadehunu mu sɛ waba de ne nsa abɛgu ne so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhunu adeɛ.”+ 13 Nanso Anania buaa sɛ: “Awurade, mate ɔbarima yi ho asɛm afiri nnipa pii hɔ. Mate sɛ ɔde bɔne bebree adi w’akronkronfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no. 14 Seesei wanya tumi afiri asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn sɛ ɔnkye* wɔn a wɔbɔ wo din no nyinaa.”+ 15 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ! ɛfiri sɛ ɔbarima yi yɛ anwenneɛ a wɔayi ama me+ sɛ ɔmfa me din nkɔ amanaman+ ne ahemfo+ ne Israel mma nkyɛn. 16 Na mɛkyerɛ no amanehunu bebree a me din nti ɛsɛ sɛ ɛto no no pefee.”+

17 Enti Anania kɔe, na ɔwuraa fie hɔ, na ɔde ne nsa guu ne so kaa sɛ: “Me nua Saul, Awurade Yesu a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wo berɛ a na wonam kwan so reba no, ɔno na wasoma me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛhunu adeɛ na honhom kronkron ahyɛ wo ma.”+ 18 Prɛko pɛ na biribi* firii n’ani so guu fam, na ɔhunuu adeɛ. Afei ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu, 19 na ɔdidiiɛ, na ɔnyaa ahoɔden.

Na ɔdii nna kakra wɔ asuafoɔ a wɔwɔ Damasko no nkyɛn,+ 20 na ntɛm ara na ɔfirii aseɛ kaa Yesu ho asɛm wɔ hyia adan mu sɛ, ɔno ne Onyankopɔn Ba no. 21 Nanso ɛyɛɛ wɔn a wɔretie no no nyinaa nwanwa, na wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na ɔteetee wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem no?+ Ba a waba ha yi, ɛnyɛ ne botaeɛ ara ne sɛ ɔrebɛkye wɔn na ɔde wɔn akɔma* asɔfoɔ mpanimfoɔ no anaa?”+ 22 Na Saul kɔɔ so nyaa ahoɔden pii,* na ɔmaa Yudafoɔ a ɛwɔ Damasko no ho dwirii wɔn, ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛ maa emu daa hɔ sɛ Yesu ne Kristo no.+

23 Na nna pii akyi no, Yudafoɔ no hyia bɔɔ pɔ sɛ wɔbɛku Saul.+ 24 Nanso Saul huu sɛ wɔabɔ ne ho pɔ. Bio nso, na wɔtetɛ no apono no ano awia ne anadwo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya no aku no. 25 Enti n’asuafoɔ no faa no anadwo de no sii kɛntɛn mu, na wɔde no faa tokuro bi a ɛda ɔfasuo no mu gyaagyaa no nkakrankakra sii fam.+

26 Berɛ a ɔduruu Yerusalem no,+ ɔyɛɛ sɛ ɔde ne ho bɛbɔ asuafoɔ no, nanso na wɔn nyinaa suro no, ɛfiri sɛ na wɔnnye nni sɛ ɔyɛ osuani. 27 Enti Barnaba+ boaa no, na ɔde no kɔɔ asomafoɔ no nkyɛn. Na Saul kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ asomafoɔ no sɛ, ɔhuu Awurade+ wɔ kwan so, na ɔne no kasaeɛ. Afei ɔkaa sɛdeɛ ɔde akokoɔduro kasaa wɔ Yesu din mu wɔ Damasko no ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn.+ 28 Enti ɔne wɔn tenaeɛ, na ɔdii akɔneaba wɔ Yerusalem, na ɔde akokoɔduro kasaa Awurade din mu. 29 Na ɔne Yudafoɔ a wɔka Greek kasa no kasaeɛ, na wɔgyee akyinnyeɛ. Enti wɔyɛɛ sɛ wɔbɛku no.+ 30 Berɛ a anuanom no huu wei no, wɔde no baa* Kaesarea, na wɔgyaa no kwan maa no kɔɔ Tarso.+

31 Na asafo a ɛwɔ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa+ nyaa asomdwoeɛ, na wɔyɛɛ den; na berɛ a asafo no de Yehowa* suro ne honhom kronkron no+ awerɛkyekye nanteeɛ no, wɔkɔɔ so yɛɛ bebree.

32 Berɛ a Petro rekyinkyini mantam no mu nyinaa no, ɔkɔɔ* akronkronfoɔ a wɔte Lida no nso nkyɛn.+ 33 Ɛhɔ na ɔhuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Enea. Ná wada ayaya wɔ ne mpa so mfeɛ nwɔtwe, ɛfiri sɛ na wabubu. 34 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Enea, Yesu Kristo asa wo yareɛ.+ Sɔre na to wo mpa.” Ɛhɔ ara na ɔsɔreeɛ.+ 35 Berɛ a wɔn a wɔtete Lida ne Saron Asaasetraa so nyinaa huu Enea no, wɔdane baa Awurade nkyɛn.

36 Ná osuani bi wɔ Yopa a ne din de Tabita, a sɛ wɔkyerɛ aseɛ a, ɛkyerɛ “Dorka.”* Ná nnwuma pa ayɛ no ma, na na ɔyɛ nkurɔfoɔ adɔeɛ bebree. 37 Na nna no mu no, ɔyareeɛ, na ɔwuiɛ. Enti wɔdwaree no, na wɔde no kɔtoo aborosan so dan bi mu. 38 Ɛsiane sɛ na Lida kuro no bɛn Yopa nti, berɛ a asuafoɔ no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima mmienu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, yɛ ntɛm bra; ntwentwɛn wo nan ase.” 39 Enti Petro sɔreeɛ, na ɔne wɔn kɔeɛ. Berɛ a ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ aborosan so dan no mu. Na akunafoɔ no nyinaa de su baa ne nkyɛn, na wɔde ntaadeɛ ne ntoma a Dorka yɛeɛ berɛ a ɔte ase no bebree bɛkyerɛeɛ. 40 Ɛnna Petro maa obiara pue kɔɔ abɔnten,+ na ɔbuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ. Afei ɔdanee ne ho hwɛɛ funu no, na ɔkaa sɛ: “Tabita, sɔre!” Ɛnna ɔbuee n’ani, na berɛ a ɔhuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.+ 41 Na Petro tenee ne nsa, na ɔsɔɔ ne nsa maa no sɔre gyinaa hɔ. Afei ɔfrɛɛ akronkronfoɔ ne akunafoɔ no, na ɔde Dorka maa wɔn, na wɔhuu sɛ ɔte ase.+ 42 Na asɛm yi trɛɛ wɔ Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade diiɛ.+ 43 Na Petro tenaa Yopa dii nna kakra wɔ Simon nkyɛn.+ Saa Simon yi, na ɔyɛ mmoa nwoma ho adwuma.*

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane