Ɔde Kɔmaa Hebrifoɔ
12 Ɛno nti, ɛsiane sɛ yɛwɔ adansefoɔ mununkum kɛseɛ a atwa yɛn ho ahyia nti, momma yɛnyi adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na akyekyere yɛn+ no ngu, na yɛmfa animia ntu mmirika a ɛda yɛn anim no,+ 2 na yɛmfa yɛn ani nyinaa nsi Yesu so. Ɔno ne yɛn gyidie Safohene no ne deɛ ɔma yɛn gyidie wie pɛyɛ.+ Anigyeɛ a na ɛda n’anim nti, ɔmiaa n’ani hunuu amane wɔ asɛndua* so, na ɔbuu n’ani guu aniwuo so, na wakɔtena Onyankopɔn ahennwa no nifa.+ 3 Ɛno nti, deɛ ɔde animia gyinaa pintinn berɛ a nnebɔneyɛfoɔ kasa tiaa no+ de yɛɛ wɔn ankasa wɔn ho bɔne no, monsusu ne ho yie, na moammrɛ, na moampa aba.*+
4 Berɛ a mo ne saa bɔne no redi ako no, monnya nko nkɔduruu owuo mu.* 5 Na afotuo a wɔde maa mo sɛ mma no, mo werɛ afi koraa. Ɛka sɛ: “Me ba, mmu Yehowa* ntenesoɔ adewa, na sɛ ɔka w’anim nso a, mpa aba; 6 na deɛ Yehowa* dɔ no na ɔtene ne so. Deɛ ɛwom ne sɛ, obiara a ɔgye no yɛ ne ba no, ɔhwe no.”*+
7 Deɛ morefa mu no, ɛhia sɛ mode animia gyina mu na mobu no sɛ ɛka mo ntenesoɔ no ho.* Onyankopɔn reyɛ mo sɛ mma.+ Na ɔba bɛn na ne papa ntene ne so?+ 8 Na sɛ mo nyinaa nnyaa ntenesoɔ yi bi a, ɛnneɛ na moyɛ adwaman mma, na monyɛ mma ankasa. 9 Bio nso, na yɛn agyanom* a wɔwoo yɛn no tene yɛn so, na na yɛbu wɔn. Ɛnneɛ yɛn honhom mu Agya no nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ yɛyi yɛn yam de yɛn ho hyɛ n’ase kɛse na yɛnya nkwa anaa?+ 10 Wɔn deɛ, wɔtwee yɛn aso kakraa bi sɛdeɛ ɛyɛ ma wɔn, na ɔno deɛ, yɛn yie mu nti na ɔyɛ saa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya ne kronkronyɛ no bi.+ 11 Ampa, ntenesoɔ biara nni hɔ a ɛyɛ anigye seesei, mmom ɛyɛ ya.* Nanso akyire yi, ɛso asomdwoeɛ aba a ɛne tenenee ma wɔn a atete wɔn no.
12 Enti monhyɛ nsa a emu ago ne nkotodwe a ahodwo den,+ 13 na monkɔ so mma mo anammɔn kwan nyɛ tẽẽ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ atɔ apakye no renhwan, na mmom wɔasa no yareɛ. 14 Monhwehwɛ asomdwoeɛ wɔ mo ne nnipa nyinaa ntam,+ na monhwehwɛ ahoteɛ*+ a sɛ obi kwati a, ɔrentumi nhunu Awurade no. 15 Monhwɛ yie na Onyankopɔn adom ammɔ obiara, na nhini a borɔ wom biara ampue ammɛyɛ ɔhaw, na angu nnipa bebree ho fĩ;+ 16 na monhwɛ na mo mu biara anyɛ odwamammɔfoɔ* anaa wanyɛ obi a ɔmmu nneɛma kronkron te sɛ Esau a ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no sesaa aduane baako pɛ no.+ 17 Na monim sɛ ɛno akyi no, ɔpɛɛ sɛ ɔnya nhyira, nanso wɔpoo no. Ɛwom sɛ ɔtee nisuo, na ɔyɛɛ biara sɛ ɔbɛma wasesa n’adwene,*+ nanso ankɔsi hwee.*
18 Na moamma bepɔ no ho, bepɔ* a wɔtumi de nsa ka+ a wɔde egya ato mu,+ a mununkum kusuu ne sum kabii wɔ so na mframa a ano yɛ den+ bɔ fa ho no; 19 na moamma totorobɛnto nnyegyeeɛ+ ne ɛnne a ɛrekasa+ no ho, ɛnne a nkurɔfoɔ no teeɛ a wɔsrɛɛ sɛ wɔnnka asɛm biara nnkyerɛ wɔn bio+ no. 20 Ɛfiri sɛ na ahyɛdeɛ yi mu yɛ duru ma wɔn dodo: “Sɛ aboa mpo ho ka bepɔ no a, wɔnsi no aboɔ.”+ 21 Bio nso, na deɛ ɛrekɔ so no yɛ hu ara ma Mose kaa sɛ: “Mesuro, na me ho repopo.”+ 22 Mmom no, moaba Sion Bepɔ+ ho ne Onyankopɔn teasefoɔ no kuro mu, ɔsoro Yerusalem,+ ne abɔfoɔ mpem dudu 23 badwa anim,+ ne mmakan a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no asafo mu, ne Onyankopɔn a ɔyɛ obiara Temmufoɔ+ no anim, ne ateneneefoɔ a wɔde honhom no tumi bɔ wɔn bra,+ a wɔama wɔawie pɛyɛ+ no mu, 24 ne apam foforɔ+ ntamgyinafoɔ Yesu+ nkyɛn, ɛne mogya a wɔpeteeɛ a ɛkasa yie sene Habel mogya+ no ho.
25 Monhwɛ yie na moanyɛ mo adwene sɛ morentie* deɛ ɔrekasa no. Na sɛ wɔn a wɔantie deɛ ɔde Onyankopɔn kɔkɔbɔ maa wɔ asaase so no amfa wɔn ho anni a, ɛnneɛ sɛ yɛdane yɛn akyi kyerɛ deɛ ɔfiri soro kasa no a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛafa yɛn ho adi ama ayɛ yie!+ 26 Saa berɛ no, ne nne wosoo asaase,+ na seesei deɛ wahyɛ bɔ sɛ: “Ɛbɛsan aba bio sɛ, ɛnyɛ asaase nko ara na mɛwoso, na mmom mɛwoso ɔsoro nso.”+ 27 Na sɛ ɔka sɛ, “ɛbɛsan aba bio” a, ɛkyerɛ sɛ wɔbɛyi nneɛma a wɔwoso no afiri hɔ, kyerɛ sɛ, nneɛma a wɔayɛ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nneɛma a wɔnwoso no bɛtena hɔ. 28 Enti ɛsiane sɛ yɛnim sɛ yɛbɛnya Ahennie a wɔntumi nwoso nti, momma yɛnkɔ so nnya adom a yɛnam so som Onyankopɔn sɛdeɛ ɔpɛ no, wɔ nyamesuro ne ahopopoɔ mu. 29 Ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn yɛ egya a ɛhye adeɛ.+