Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Adiyisɛm 16
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Adiyisɛm Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Onyankopɔn abufuo nkyɛnsee nson (1-21)

        • Wɔhwie guu asaase so (2), ɛpo mu (3), nsubɔnten ne nsutire mu (4-7), awia so (8, 9), akekaboa no ahennwa so (10, 11), Eufrate mu (12-16), mframa mu (17-21)

        • Onyankopɔn ko wɔ Armagedon (14, 16)

Adiyisɛm 16:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 16:17
  • +Dw 69:24; Sef 3:8

Adiyisɛm 16:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 8:7
  • +Ex 9:10
  • +Adi 13:16, 18
  • +Adi 13:15; 19:20

Adiyisɛm 16:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “akra.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 8:8
  • +Ex 7:20
  • +Yes 57:20

Adiyisɛm 16:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 8:10
  • +Ex 7:20; Dw 78:44

Adiyisɛm 16:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 1:4
  • +Dw 145:17; Adi 15:4
  • +De 32:4; Dw 119:137

Adiyisɛm 16:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 79:3
  • +Yes 49:26
  • +Adi 18:20

Adiyisɛm 16:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 6:3
  • +Dw 19:9; 119:137; Adi 19:1, 2

Adiyisɛm 16:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 8:12

Adiyisɛm 16:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 10:21; Yes 8:22

Adiyisɛm 16:12

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “awiapueeɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 9:13, 14
  • +Yer 50:38
  • +Yes 44:27, 28

Adiyisɛm 16:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ahonhom fĩ.”

  • *

    Anaa “ɔtweaseɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 12:3

Adiyisɛm 16:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 13:11, 13
  • +Yes 13:6; Yer 25:33; Hes 30:3; Yoe 1:15; 2:1, 11; Sef 1:15; 2Pe 3:11, 12
  • +Adi 19:19

Adiyisɛm 16:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 5:2; 2Pe 3:10
  • +Lu 21:36
  • +Adi 3:18

Adiyisɛm 16:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Greek, Har Ma·ge·don′, ɛfiri Hebri asɛm bi a ɛkyerɛ “Megido Bepɔ” mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 35:22; Sak 12:11; Adi 19:19

Adiyisɛm 16:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 16:1

Adiyisɛm 16:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hes 38:19; Da 12:1; Heb 12:26

Adiyisɛm 16:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “bobesa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 17:18
  • +Adi 18:2
  • +Yer 25:15; Adi 15:7

Adiyisɛm 16:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 6:14

Adiyisɛm 16:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ná Greek dwetikɛseɛ baako mu duro yɛ kilo. 20.4. Hwɛ Nkh. B14.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hio 38:22, 23
  • +Ex 9:24

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Adi. 16:1Adi 16:17
Adi. 16:1Dw 69:24; Sef 3:8
Adi. 16:2Adi 8:7
Adi. 16:2Ex 9:10
Adi. 16:2Adi 13:16, 18
Adi. 16:2Adi 13:15; 19:20
Adi. 16:3Adi 8:8
Adi. 16:3Ex 7:20
Adi. 16:3Yes 57:20
Adi. 16:4Adi 8:10
Adi. 16:4Ex 7:20; Dw 78:44
Adi. 16:5Adi 1:4
Adi. 16:5Dw 145:17; Adi 15:4
Adi. 16:5De 32:4; Dw 119:137
Adi. 16:6Dw 79:3
Adi. 16:6Yes 49:26
Adi. 16:6Adi 18:20
Adi. 16:7Ex 6:3
Adi. 16:7Dw 19:9; 119:137; Adi 19:1, 2
Adi. 16:8Adi 8:12
Adi. 16:10Ex 10:21; Yes 8:22
Adi. 16:12Adi 9:13, 14
Adi. 16:12Yer 50:38
Adi. 16:12Yes 44:27, 28
Adi. 16:13Adi 12:3
Adi. 16:14Adi 13:11, 13
Adi. 16:14Yes 13:6; Yer 25:33; Hes 30:3; Yoe 1:15; 2:1, 11; Sef 1:15; 2Pe 3:11, 12
Adi. 16:14Adi 19:19
Adi. 16:151Te 5:2; 2Pe 3:10
Adi. 16:15Lu 21:36
Adi. 16:15Adi 3:18
Adi. 16:162Be 35:22; Sak 12:11; Adi 19:19
Adi. 16:17Adi 16:1
Adi. 16:18Hes 38:19; Da 12:1; Heb 12:26
Adi. 16:19Adi 17:18
Adi. 16:19Adi 18:2
Adi. 16:19Yer 25:15; Adi 15:7
Adi. 16:20Adi 6:14
Adi. 16:21Hio 38:22, 23
Adi. 16:21Ex 9:24
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Adiyisɛm 16:1-21

Yohane Adiyisɛm

16 Na metee sɛ nne kɛseɛ bi firi kronkronbea hɔ+ reka kyerɛ abɔfoɔ nson no sɛ: “Monkɔ, na monkɔhwie deɛ ɛwɔ Onyankopɔn abufuo nkyɛnsee nson no mu no ngu asaase so.”+

2 Ɛnna deɛ ɔdi kan no kɔeɛ, na ɔkɔhwiee deɛ ɛwɔ ne kyɛnsee mu no guu asaase so.+ Na akuro bɔne a ɛyɛ hu+ tutuu nnipa a wɔwɔ akekaboa no ahyɛnsodeɛ+ a wɔsom ne honi no.+

3 Deɛ ɔtɔ so mmienu no hwiee deɛ ɛwɔ ne kyɛnsee mu no guu ɛpo mu.+ Na ɛdanee mogya,+ te sɛ onipa a wawuo mogya, na abɔdeɛ* a ɛte ase biara wui, aane, nneɛma a ɛwɔ po+ mu no.

4 Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no hwiee deɛ ɛwɔ ne kyɛnsee mu no guu nsubɔnten ne nsutire mu.+ Na ne nyinaa danee mogya.+ 5 Na metee sɛ nsuo so bɔfoɔ no reka sɛ: “Wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ,+ Ɔnokwafoɔ,+ wotene, ɛsiane atɛn a woabu yi nti,+ 6 ɛfiri sɛ wɔhwiee akronkronfoɔ ne adiyifoɔ mogya gui,+ na woama wɔn mogya anom;+ deɛ ɛfata wɔn na wɔanya no.”+ 7 Na metee sɛ afɔrebukyia no reka sɛ: “Aane, Yehowa* Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ w’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene.”+

8 Deɛ ɔtɔ so nnan no hwiee deɛ ɛwɔ ne kyɛnsee mu no guu awia so,+ na wɔmaa awia kwan sɛ ɛmfa gya nhyehye nnipa. 9 Na ɛhyew a ano yɛ den no hyehyee nnipa, nanso Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw yi so tumi no, wɔkaa ne din ho abususɛm, na wɔansakra, na wɔanhyɛ no animuonyam.

10 Deɛ ɔtɔ so nnum no hwiee deɛ ɛwɔ ne kyɛnsee mu no guu akekaboa no ahennwa so. Na n’ahennie no yɛɛ sum,+ na ɛyea a wɔrefa mu nti, wɔfirii aseɛ wee wɔn kɛtrɛma, 11 na wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm ɛsiane ɛyea a wɔrefa mu, ne wɔn akuro no nti, na wɔansakra amfiri wɔn nnwuma ho.

12 Deɛ ɔtɔ so nsia no hwiee deɛ ɛwɔ ne kyɛnsee mu no guu asubɔnten kɛseɛ Eufrate+ mu, na emu nsuo weeɛ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsiesie kwan ama ahemfo+ a wɔfiri apueeɛ* no.

13 Na mehuu sɛ honhom mu nsɛm a ɛho nteɛ* mmiɛnsa a ɛte sɛ mpɔtorɔ firi ɔwɔ a ne ho yɛ hu*+ no anom ne akekaboa no anom ne atorɔ diyifoɔ no anom apue. 14 Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ nsɛm a ɛfiri ahonhommɔne hɔ a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne,+ na ɛkɔ asaase nyinaa so ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛseɛ+ no mu ko+ no.

15 “Hwɛ! mereba sɛ korɔmfoɔ.+ Anigyeɛ ne deɛ ɔwɛn+ na ɔhwɛ ne ntaadeɛ so, na wannante adagya mu amma nnipa anhu n’aniwuo.”+

16 Na wɔboaboaa ahemfo no ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Armagedon.*+

17 Deɛ ɔtɔ so nson no hwiee deɛ ɛwɔ ne kyɛnsee mu no guu mframa mu. Ɛnna nne kɛseɛ bi firi kronkronbea hɔ,+ ahennwa no so baa sɛ: “Asa!” 18 Na anyinam paapaeeɛ, na nne ne aprannaa baeɛ, na asaasewosoɔ kɛseɛ bi a ɛfiri berɛ a nnipa baa asaase so ebi nsii saa da baeɛ,+ asaasewosoɔ kɛseɛ a ano yɛ den paa. 19 Na kuro kɛseɛ+ no mu paapaee mmiɛnsa, na amanaman no nkuro sɛeeɛ; na wɔkaee Babilon Kɛseɛ+ no wɔ Onyankopɔn anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde kuruwa a Onyankopɔn abufuo ne n’abufuhyeɛ nsã* wom+ no bɛma no. 20 Afei nso, supɔ biara dwaneeɛ, na wɔanhu mmepɔ.+ 21 Ɛnna asukɔtweaa akɛseɛ a emu biara mu duro bɛyɛ dwetikɛseɛ baako* firi soro bɛhwehwee nnipa no so,+ na ɔhaw a asukɔtweaa+ no de baeɛ nti, nnipa no kaa Onyankopɔn ho abususɛm, ɛfiri sɛ na ɔhaw no so papaapa.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane