Habakuk
Mɛkɔ so awɛn na matie asɛm a ɔde bɛsoma me,
Ne deɛ ɔtene me so a, mɛka.
2 Ɛnna Yehowa buaa me sɛ:
Sɛ ɛkyɛ* mpo a, kɔ so ara twɛn.*+
Ɛfiri sɛ ɛkwan biara so ɛbɛba mu.
Ɛrenka akyi.
Ɔteneneeni deɛ, ne nokorɛdie* na ɛbɛma no anya nkwa.+
5 Ɛsiane sɛ nsã yɛ nkontomponi nti,
Ɔbarima a ɔyɛ ahomasoɔ rennuru ne botaeɛ ho.
Daa ɔboaboa amanaman no ano,
Na ɔka aman nyinaa boa ano ba ne nkyɛn.+
6 Enti weinom nyinaa remmu no bɛ, wɔremmɔ no akutia, na wɔrenkasa ntwi* no anaa?+
Wɔbɛka sɛ:
‘Deɛ ɔsesa nneɛma a ɛnyɛ ne deɛ nnue
—Ɛnkɔsi da bɛn?—
Deɛ ɔma ne ho aka dɔɔso nnue!
7 Wɔn a wode wɔn ka no, wɔrensɔre nnyina mpofirim anaa?
8 Ɛsiane sɛ woafom aman pii ho nneɛma nti,
Aman a aka nyinaa nso bɛfom wo ho nneɛma,+
Ɛfiri sɛ wokaa nnipa mogya guiɛ,
Na wode atirimuɔdensɛm dii nsaase,
Nkuro, ne emu nnipa nyinaa.+
9 Deɛ ɔpɛ mfaso bɔne ma ne fiefoɔ,
Na ɔyɛ ne pirebuo wɔ beaeɛ a ɛkorɔn,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛgye ne ho afiri mmusuo mu no, ɔnnue!
10 Woabɔ pɔ bɔne ama no de animguaseɛ aba wo fie,
Woakunkum nnipa pii de ayɛ bɔne atia wo ho.*+
11 Ɛboɔ bɛsu wɔ ɔfasuo mu,
Na mpuna agye so wɔ ɛdan no so.
12 Deɛ ɔde mogya kyekyere kuropɔn
Na ɔnam amumuyɛ so ma kuro tim no, ɔnnue!
13 Hwɛ, ɛnyɛ asafo Yehowa na ɔma nnipa yɛ adwumaden ma no kɔwie egya mu,
Na ɔma amanaman brɛ kwa anaa?+
15 Deɛ ɔma ne yɔnko biribi nom,
Na ɔde abufuo ne aniberɛ ka ho ma no bo
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhwɛ n’adagya no, ɔnnue!
16 Animguaseɛ na ɛbɛmee wo, ɛnyɛ animuonyam.
Wo nso nom bi na wɔnhu sɛ wɔntwaa wo twetia.*
Kuruwa a ɛwɔ Yehowa nsa nifa mu no bɛba wo so,+
Na animguaseɛ bɛkata w’animuonyam so.
17 Atirimuɔdensɛm a wode dii Lebanon no bi bɛba wo so,
Na ɔsɛeɛ a wode bɔɔ mmoa hu no bi bɛba wo so,
Ɛfiri sɛ wokaa nnipa mogya gui
Na wode atirimuɔdensɛm dii nsaase,
Nkuro, ne emu nnipa nyinaa.+
18 Sɛ odwumfoɔ sene ohoni a,
Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so?
Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ dadeɛ honi ne atorɔ kyerɛkyerɛfoɔ so?
Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so sɛ odwumfoɔ de ne ho bɛto deɛ wayɛ so;
Anyamehunu a ɛntumi nkasa?+
19 Deɛ ɔka kyerɛ dua sɛ: “Nyane!”
Na ɔka kyerɛ ɛboɔ a ɛnkasa sɛ: “Sɔre! Kyerɛkyerɛ yɛn!” no, ɔnnue!
20 Yehowa deɛ, ɔwɔ n’asɔrefie kronkron no mu.+
Asaase nyinaa, monyɛ komm wɔ n’anim!’”+