Krataa a Ɛdi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ
16 Na ntoboa a wɔgyegye ma akronkronfoɔ+ no ho deɛ, mobɛtumi de akwankyerɛ a mede maa Galatia asafo ahodoɔ no ayɛ adwuma. 2 Nnawɔtwe biara mu da a ɛdi kan no, mo mu biara nhwɛ deɛ ɔwɔ na ɔnyi biribi nsie, na mammɛduru hɔ ansa na moagyegye ntoboa. 3 Na sɛ meba a, mmarima a mogyee wɔn toom wɔ mo nkrataa mu no, mɛsoma wɔn+ ama wɔde mo akyɛdeɛ no akɔ Yerusalem. 4 Nanso sɛ ɛhia sɛ me nso mekɔ hɔ a, me ne wɔn bɛkɔ.
5 Na mɛba mo nkyɛn berɛ a makɔfa Makedonia, ɛfiri sɛ mɛfa Makedonia;+ 6 na ebia mɛtena mo nkyɛn, na anhwɛ mpo a mɛtwɛn wɔ mo nkyɛn akɔsi sɛ awɔ berɛ no bɛtwam, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgya me kwan kakra akɔ baabi a merekɔ no. 7 Na ɛnyɛ berɛ a meretwam yi nko na mepɛ sɛ mehu mo, na mmom m’ani da so sɛ, sɛ Yehowa* ma kwan a, me ne mo bɛtena kakra.+ 8 Nanso mɛtena Efeso+ akɔsi sɛ Pentekoste Afahyɛ no bɛduru, 9 ɛfiri sɛ wɔabue ɛpono kɛseɛ bi a adwuma pii wom ama me,+ nanso asɔretiafoɔ bebree wɔ hɔ.
10 Sɛ Timoteo+ bɛduru a, monhwɛ na wammɔ hu berɛ a ɔwɔ mo nkyɛn no, ɛfiri sɛ ɔreyɛ Yehowa* adwuma+ sɛdeɛ me nso mereyɛ no. 11 Enti mma obiara mmmu no animtia. Monnya no kwan asomdwoeɛ mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛba me nkyɛn, ɛfiri sɛ me ne anuanom retwɛn no.
12 Na yɛn nua Apolo+ deɛ, mesrɛɛ no ara sɛ anka ɔne anuanom mmra mo nkyɛn. Ná ɔmpɛ sɛ ɔba seesei, nanso sɛ ɔnya kwan a ɔbɛba.
13 Monkɔ so nwɛn,+ monnyina pintinn wɔ gyidie no mu,+ monkɔ so sɛ mmarima,*+ monyɛ den.+ 14 Momfa ɔdɔ nyɛ deɛ moyɛ nyinaa.+
15 Afei anuanom, afotuo a mede rema mo nie: Monim sɛ Stefana fiefoɔ ne aba a ɛdi kan wɔ Akaia, na wɔatu wɔn ho asi hɔ resom akronkronfoɔ. 16 Mo nso, monkɔ so mmrɛ mo ho ase mma nnipa a wɔte saa, ɛne obiara a ɔde ne ho ahyɛ adwuma no mu na ɔreyɛ adwumaden no.+ 17 Nanso m’ani agye sɛ Stefana+ ne Fortunato ne Akaiko wɔ ha, ɛfiri sɛ monni ha no, wɔasi mo anan. 18 Wɔahyɛ me ne mo nyinaa nkuran.* Enti monnye nnipa a wɔte saa ntom.
19 Asafo a ɛwowɔ Asia no kyea mo. Akwila ne Priska ne asafo a ɛwɔ wɔn fie+ no de anigyeɛ kyea mo wɔ Awurade mu. 20 Anuanom nyinaa kyeakyea mo. Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho.
21 Me, Paul, mekyea mo. Me ara me nsa na mede twerɛeɛ.
22 Sɛ obi mpɛ Awurade asɛm a, ɔnnue. O yɛn Awurade, bra! 23 Awurade Yesu adom nka mo. 24 Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu.