Petro Nwoma a Ɛdi Kan
1 Me, Petro a meyɛ Yesu Kristo somafoɔ,+ meretwerɛ krataa yi abrɛ mo a moabɔ ahwete Ponto, Galatia, Kapadokia,+ Asia, ne Bitinia; mo a moyɛ amamfrafoɔ a wɔayi mo. 2 Mo na Agya Nyankopɔn ayi mo sɛdeɛ ɔbɔɔ ne tirim no.+ Ɔde honhom no ate mo ho+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛyɛ ɔsetie na wɔde Yesu Kristo mogya apete mo so:+
Adom ne asomdwoeɛ nnɔɔso mma mo.
3 Ayeyie nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn, ɛfiri sɛ ne mmɔborɔhunu nti ɔnyanee Yesu Kristo firii awufoɔ mu,+ na ɔnam so awo yɛn foforɔ+ kɔ anidasoɔ a nkwa wom+ mu, 4 na ama yɛanya agyapadeɛ a ɛmporɔ na efĩ nni ho na ɛnsɛeɛ.+ Wɔakora so wɔ ɔsoro ama mo;+ 5 mo gyidie nti, Onyankopɔn nam ne tumi so hwɛ mo so kɔ nkwagyeɛ mu; saa nkwagyeɛ no na wɔrebɛyi no adi wɔ awieeɛ mmerɛ no mu. 6 Wei nti na modi ahurisie kɛse, ɛwom sɛ sɔhwɛ ahodoɔ bɛtumi ama mo werɛ aho kakra deɛ, nanso saa na ɛsɛ sɛ ɛba,+ 7 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ wɔda Yesu Kristo adi a,+ mo gyidie a wɔasɔ ahwɛ+ no de ayeyie ne animuonyam ne anidie bɛba; saa gyidie no som bo sene sika kɔkɔɔ a sɛ wɔde fa gya mu yiyi mu fĩ* mpo a, ɛtumi sɛe no. 8 Ɛwom, monhuu no da, nanso modɔ no. Seesei monhu no, nanso mogye no di, na mode anigyeɛ kɛseɛ redi ahurisie paa, 9 na mo gyidie nti, mo nsa bɛka mo nkwagyeɛ*+ no.
10 Saa nkwagyeɛ yi, adiyifoɔ a wɔhyɛɛ adom a mobɛnya ho nkɔm no bɔɔ mmɔden pɛɛpɛɛ mu, na wɔhwehwɛɛ mu kɔɔ akyiri.+ 11 Ná honhom a ɛwɔ wɔn mu no adi adanseɛ sɛ Kristo bɛhunu amane+ na akyire yi wɔahyɛ no animuonyam. Enti wɔkɔɔ so hwehwɛɛ mu hwɛɛ deɛ ɛbɛto Kristo ne berɛ a nsɛm no bɛsisi.+ 12 Wɔyii no adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɔsom adwuma a wɔyɛeɛ no, wɔanyɛ amma wɔn ho, na mmom mo na wɔde nneɛma a wɔaka ho asɛm akyerɛ mo seesei yi som mo; ɛno ne asɛmpa a ebinom nyaa honhom kronkron firii soro+ de ka kyerɛɛ mo no. Saa nneɛma yi na abɔfoɔ pɛ sɛ wɔhunu mu yie.
13 Enti monsiesie mo adwene mma adwuma kɛseɛ,+ momma mo ani nna hɔ paa;+ momfa mo ani nto adom a sɛ wɔda Yesu Kristo adi a mo nsa bɛka no so. 14 Moyɛ mma a moyɛ ɔsetie, enti akɔnnɔ a na mowɔ berɛ a monnim hwee no, monnyae akyiri die,* 15 na mmom monyɛ kronkron mo nneyɛɛ nyinaa mu+ sɛdeɛ Ɔkronkronni a ɔfrɛɛ mo no teɛ no, 16 na wɔatwerɛ sɛ: “Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron.”+
17 Sɛ mosu frɛ Agya a ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ na ɔnhwɛ nnipa anim+ no a, momfa nyamesuro+ mmɔ mo bra, seesei a mote wiase sɛ ahɔhoɔ yi. 18 Na monim sɛ mo abrabɔ hunu a mo agyanom de gyaa mo* no, ɛnyɛ nneɛma a ɛsɛe te sɛ dwetɛ anaa sika kɔkɔɔ na wɔde gyee mo firii mu.+ 19 Mmom ɛnam Kristo+ mogya a ɛsom bo+ no so; ɛte sɛ odwan ba a ɛdɛm ne nkekaeɛ biara nni ne ho+ mogya. 20 Ɛwom sɛ na wɔayi no dada ansa na wɔrehyɛ wiase ase*+ deɛ, nanso mo nti wɔdaa no adi awieeɛ berɛ mu.+ 21 Monam ne so abɛgye Onyankopɔn adi;+ ɔno na ɔnyanee no firii awufoɔ mu+ hyɛɛ no animuonyam+ na ama moanya gyidie ne anidasoɔ wɔ Onyankopɔn mu.
22 Afei a moayɛ aso ama nokorɛ no de adwira mo* ho ama moanya onuadɔ a nyaatwom nnim+ yi, momfiri akomam nnodɔ mo ho dendeenden.+ 23 Na wɔawo mo foforɔ,+ nanso ɛnyɛ aba* a ɛporɔ mu, na mmom deɛ ɛmporɔ+ mu, na ɛnam Onyankopɔn teasefoɔ a ɔte hɔ daa no asɛm so.+ 24 Na “ɔhonam* nyinaa te sɛ serɛ, na wɔn animuonyam nyinaa te sɛ wuram nhwiren; serɛ hye na nhwiren poro gu, 25 na Yehowa* anom asɛm deɛ, ɛwɔ hɔ daa.”+ Na asɛmpa a wɔaka akyerɛ mo no ne “asɛm” no.+