Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Galatifoɔ 6
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Galatifoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Mo ne mo nuanom nsoa wɔn nneɛma a emu yɛ duru (1-10)

        • Deɛ obi dua na ɔtwa (7, 8)

      • Twetiatwa nka hwee (11-16)

        • Abɔdeɛ foforɔ (15)

      • Awieeɛ nsɛm (17, 18)

Galatifoɔ 6:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “honhom mufoɔ.”

  • *

    Anaa “ɔdwoɔ honhom.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 15:1; Kol 3:12; 1Ti 6:11; Tit 3:2
  • +1Ko 10:12
  • +Yak 3:2

Galatifoɔ 6:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 5:14
  • +Yoh 13:34; 15:12; 1Yo 4:21

Galatifoɔ 6:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 12:3

Galatifoɔ 6:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 13:5
  • +Ga 5:26

Galatifoɔ 6:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “asɛdeɛ a ɛda ne so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 14:4; 2Ko 5:10

Galatifoɔ 6:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 10:9, 10; Lu 10:7; Ro 15:27; 1Ko 9:11, 14

Galatifoɔ 6:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 2:6-8

Galatifoɔ 6:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 8:6, 13

Galatifoɔ 6:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “yɛammrɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 3:14; 12:3; Adi 2:10

Galatifoɔ 6:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “berɛ a ɛfata.”

Galatifoɔ 6:12

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔhonam mu.”

  • *

    Anaa “moatwa mo dua.”

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Galatifoɔ 6:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yak 2:10

Galatifoɔ 6:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

  • *

    Anaa “wɔabɔ wiase no asɛndua mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 2:2

Galatifoɔ 6:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 7:19; Ga 5:6; Kol 3:10, 11
  • +2Ko 5:17; Efe 2:10

Galatifoɔ 6:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 9:6

Galatifoɔ 6:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 4:10; Flp 3:10

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Gal. 6:1Mme 15:1; Kol 3:12; 1Ti 6:11; Tit 3:2
Gal. 6:11Ko 10:12
Gal. 6:1Yak 3:2
Gal. 6:21Te 5:14
Gal. 6:2Yoh 13:34; 15:12; 1Yo 4:21
Gal. 6:3Ro 12:3
Gal. 6:42Ko 13:5
Gal. 6:4Ga 5:26
Gal. 6:5Ro 14:4; 2Ko 5:10
Gal. 6:6Mt 10:9, 10; Lu 10:7; Ro 15:27; 1Ko 9:11, 14
Gal. 6:7Ro 2:6-8
Gal. 6:8Ro 8:6, 13
Gal. 6:9Heb 3:14; 12:3; Adi 2:10
Gal. 6:13Yak 2:10
Gal. 6:141Ko 2:2
Gal. 6:151Ko 7:19; Ga 5:6; Kol 3:10, 11
Gal. 6:152Ko 5:17; Efe 2:10
Gal. 6:16Ro 9:6
Gal. 6:172Ko 4:10; Flp 3:10
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Galatifoɔ 6:1-18

Ɔde Kɔmaa Galatifoɔ

6 Anuanom, sɛ ɛba sɛ obi di mfomsoɔ ansa na n’ani aba ne ho so mpo a, mo a moyɛ Kristofoɔ a mo ho akokwa* no, mommɔ mmɔden mfa ɔdwoɔ*+ nnye onipa a ɔte saa no nsi yie. Nanso monhwɛ mo ho so yie,+ na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ.+ 2 Monkɔ so mmoa mo nuanom na mo ne wɔn nsoa wɔn nneɛma a emu yɛ duru no.+ Moyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ moredi Kristo mmara+ no so. 3 Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ obiara a,+ na ɔredaadaa ne ho. 4 Mmom ma obiara nhwɛ sɛdeɛ ɔno ara ne nnwuma teɛ.+ Ɛno na ɔbɛnya biribi agyina so adi ahurisie wɔ deɛ ɔno ara ayɛ ho, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.+ 5 Ɛfiri sɛ obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa.*+

6 Bio nso, obiara a wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no, ma ɔne deɛ ɔkyerɛkyerɛ no no nnya kyɛfa wɔ nneɛma pa nyinaa mu.+

7 Mommma wɔnnnaadaa mo: Onyankopɔn nyɛ obi a wɔdi ne ho fɛ, ɛfiri sɛ deɛ onipa dua no, ɛno ara na ɔtwa;+ 8 deɛ ɔdua no sɛdeɛ ne honam kyerɛ no no, ɔnam ne honam so bɛtwa porɔeɛ, na deɛ ɔdua no sɛdeɛ honhom no kyerɛ no no, ɔnam honhom no so bɛtwa daa nkwa.+ 9 Enti sɛ yɛreyɛ adepa a, mommma yɛmmpa aba, ɛfiri sɛ yɛampa aba* a, berɛ a ɛsɛ mu, yɛbɛnya so akatua.+ 10 Ne saa nti, berɛ biara a yɛbɛnya hokwan* no, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yie, ɛnkanka wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidie mu no.

11 Monhwɛ sɛ me ara mede ntwerɛeɛ akɛseɛ atwerɛ krataa yi abrɛ mo.

12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnya nnipa anim* animuonyam no, wɔn na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma motwa twetia,* na wɔyɛ saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo asɛndua* nti, nkurɔfoɔ rentan wɔn ani. 13 Na wɔn a wɔtwa twetia no ara mpo nni Mmara no so,+ nanso wɔpɛ sɛ motwa twetia sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nipadua nti, wɔbɛhoahoa wɔn ho. 14 Nanso me deɛ, mempɛ sɛ mede biribiara hoahoa me ho, gye sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo asɛndua.*+ Ne nti m’ani so no, wiase no awu,* na wiase no ani so no, me nso mawu. 15 Na sɛ obi twa twetia oo, wantwa twetia oo, emu biara nka hwee;+ deɛ ɛhia ne abɔdeɛ foforɔ.+ 16 Na wɔn a wɔnam saa kwan yi so bɔ wɔn bra yie no, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn Israel+ no, asomdwoeɛ ne mmɔborɔhunu nka wɔn nyinaa.

17 Ɛfiri saa berɛ yi rekɔ, mma obiara nnha m’adwene, ɛfiri sɛ manya ahyɛnsodeɛ wɔ me honam mu a ɛkyerɛ sɛ meyɛ Yesu akoa.+

18 Anuanom, berɛ a moreda suban pa adi no, yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo ho. Amen.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane