Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Asomafoɔ Nnwuma 21
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafoɔ Nnwuma Mu Nsɛntitire

      • Ɔrekɔ Yerusalem (1-14)

      • Ɔduruu Yerusalem (15-19)

      • Paul de mpanimfoɔ no afotuo yɛɛ adwuma (20-26)

      • Nkurɔfoɔ yɛɛ gyegyeegye wɔ asɔrefie hɔ; wɔkyee Paul (27-36)

      • Wɔmaa Paul kwan sɛ ɔnkasa nkyerɛ nnipadɔm no (37-40)

Asomafoɔ Nnwuma 21:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “baabi a na ahyɛn gyina.”

Asomafoɔ Nnwuma 21:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 21:10-12

Asomafoɔ Nnwuma 21:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 6:3, 5

Asomafoɔ Nnwuma 21:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “mmaabunu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoe 2:28; Aso 2:17; 1Ko 11:5

Asomafoɔ Nnwuma 21:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 11:27, 28

Asomafoɔ Nnwuma 21:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 20:22, 23; 21:33
  • +Aso 9:15, 16

Asomafoɔ Nnwuma 21:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “moma m’akoma bubu?”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 20:24; 2Ko 4:10, 11; 2Ti 4:6

Asomafoɔ Nnwuma 21:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “yɛyɛɛ komm.”

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Asomafoɔ Nnwuma 21:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 12:17; 15:13; Ga 1:19; 2:9; Yak 1:1

Asomafoɔ Nnwuma 21:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔn nyinaa bɔ Mmara no ho mmɔden.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 15:1

Asomafoɔ Nnwuma 21:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wɔnwae mfiri Mose ho.”

  • *

    Anaa “dua.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 2:28, 29; 1Ko 7:18-20

Asomafoɔ Nnwuma 21:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 9:20

Asomafoɔ Nnwuma 21:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 35:2; Ex 34:15
  • +Ge 9:4; Le 3:17; 17:10; 1Sa 14:32, 33
  • +Le 17:13; De 12:23, 24
  • +Aso 15:28, 29; 1Ko 6:9; Kol 3:5; 1Te 4:3; 1Pe 4:3

Asomafoɔ Nnwuma 21:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 9:20

Asomafoɔ Nnwuma 21:28

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “asɔrefie yi.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 24:5, 6

Asomafoɔ Nnwuma 21:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 20:4; 2Ti 4:20

Asomafoɔ Nnwuma 21:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 20:22, 23; 21:10, 11

Asomafoɔ Nnwuma 21:36

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Monyi no hɔ!”

Asomafoɔ Nnwuma 21:39

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Flp 3:4, 5
  • +Aso 22:3

Asomafoɔ Nnwuma 21:40

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 26:14

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 21:4Aso 21:10-12
Aso. 21:8Aso 6:3, 5
Aso. 21:9Yoe 2:28; Aso 2:17; 1Ko 11:5
Aso. 21:10Aso 11:27, 28
Aso. 21:11Aso 20:22, 23; 21:33
Aso. 21:11Aso 9:15, 16
Aso. 21:13Aso 20:24; 2Ko 4:10, 11; 2Ti 4:6
Aso. 21:18Aso 12:17; 15:13; Ga 1:19; 2:9; Yak 1:1
Aso. 21:20Aso 15:1
Aso. 21:21Ro 2:28, 29; 1Ko 7:18-20
Aso. 21:241Ko 9:20
Aso. 21:25Ge 35:2; Ex 34:15
Aso. 21:25Ge 9:4; Le 3:17; 17:10; 1Sa 14:32, 33
Aso. 21:25Le 17:13; De 12:23, 24
Aso. 21:25Aso 15:28, 29; 1Ko 6:9; Kol 3:5; 1Te 4:3; 1Pe 4:3
Aso. 21:261Ko 9:20
Aso. 21:28Aso 24:5, 6
Aso. 21:29Aso 20:4; 2Ti 4:20
Aso. 21:33Aso 20:22, 23; 21:10, 11
Aso. 21:39Flp 3:4, 5
Aso. 21:39Aso 22:3
Aso. 21:40Aso 26:14
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Asomafoɔ Nnwuma 21:1-40

Asomafoɔ Nnwuma

21 Berɛ a yɛmiaa yɛn ani ne wɔn dii ntetemu no, yɛfaa ɛpo so kɔɔ tee kɔduruu Kos. Na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔɔ Rodo, na yɛfiri hɔ kɔɔ Patara. 2 Yɛhuu po so hyɛn bi a ɛretwam akɔ Foinike, na yɛkɔforo kɔeɛ. 3 Berɛ a yɛduruu baabi a yɛn ani tua supɔ a wɔfrɛ no Kipro no, yɛsian ho wɔ benkum fam,* na yɛtoaa so kɔɔ Siria, na yɛkɔgyinaa Tiro. Ɛhɔ na na wɔbɛyi hyɛn no mu nneɛma. 4 Yɛkɔhwehwɛɛ asuafoɔ a ɛwɔ hɔ no, na yɛhuu wɔn, na yɛtenaa hɔ nnanson. Nanso asuafoɔ no nam honhom no so ka kyerɛɛ Paul mprɛ pii sɛ ɔnntu ne nan nnsi Yerusalem.+ 5 Na berɛ soo sɛ yɛfiri hɔ, enti yɛsii kwan so toaa yɛn akwantuo no so. Na wɔn nyinaa, a mmaa ne mmɔfra ka ho, bɛgyaa yɛn kwan kɔduruu kuro no kurotia. Na yɛbuu nkotodwe wɔ mpoano hɔ bɔɔ mpaeɛ, 6 na yɛne wɔn dii nkra. Afei yɛkɔforoo po so hyɛn no, na wɔn deɛ, wɔsan kɔɔ wɔn afie.

7 Yɛfirii Tiro no, yɛfaa po so kɔduruu Ptolemai. Na yɛkyeakyeaa anuanom no, na yɛdii wɔn nkyɛn da koro. 8 Berɛ a adeɛ kyeeɛ no, yɛfirii hɔ baa Kaesarea. Na yɛkɔɔ ɔsɛmpakafoɔ Filipo a na ɔka mmarima nson+ no ho no fie, na yɛtenaa ne nkyɛn. 9 Ná ɔbarima yi wɔ mma mmaa nnan a wɔnwareeɛ,* na na wɔhyɛ nkɔm.+ 10 Na berɛ a yɛtenaa hɔ kyɛɛ kakra no, odiyifoɔ bi a wɔfrɛ no Agabo+ firi Yudea baeɛ. 11 Na ɔbaa yɛn nkyɛn bɛfaa Paul abɔsoɔ, na ɔde kyekyeree ɔno ara ne nan ne ne nsa, na ɔkaa sɛ: “Asɛm a honhom kronkron no aka nie: ‘Ɔbarima a abɔsoɔ yi yɛ ne dea no, sei na Yudafoɔ no bɛkyekyere no wɔ Yerusalem,+ na wɔde no bɛhyɛ amanaman mufoɔ nsa.’”+ 12 Berɛ a yɛtee saa no, yɛne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa firii aseɛ srɛɛ no sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. 13 Ɛnna Paul kaa sɛ: “Ɛdeɛn na moreyɛ yi? Adɛn na moresu na mopɛ sɛ mobu m’abam yi?* Mommma biribiara nnha mo. Awurade Yesu din nti, mayɛ krado sɛ wɔnkyekyere me wɔ Yerusalem. Na sɛ ɛsɛ sɛ mewu wɔ hɔ mpo a, mayɛ krado.”+ 14 Berɛ a wansesa n’adwene no, yɛanha no bio,* na yɛkaa sɛ: “Yehowa* pɛ na ɛnyɛ hɔ.”

15 Nna yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho maa akwantuo no, na yɛsii kwan so kɔɔ Yerusalem. 16 Asuafoɔ a wɔfiri Kaesarea no bi nso ne yɛn kɔe, na wɔde yɛn kɔɔ Kiproni bi a wɔfrɛ no Mnason nkyɛn. Ná ɔka asuafoɔ a wɔdi kan no ho, na ne fie na na yɛbɛsoɛ. 17 Berɛ a yɛduruu Yerusalem no, anuanom no de anigyeɛ gyee yɛn. 18 Adeɛ kyeeɛ no, Paul ne yɛn kɔɔ Yakobo+ nkyɛn, na na mpanimfoɔ no nyinaa wɔ hɔ bi. 19 Na ɔkyeaa wɔn, na ɔfirii aseɛ kaa deɛ Onyankopɔn nam ne som adwuma no so yɛɛ wɔ amanaman no mu ho nsɛm nyinaa.

20 Berɛ a wɔtee wei no, wɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, nanso wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Onua, wo ara woahu sɛ Yudafoɔ mpempem pii abɛyɛ agyidifoɔ, na wɔn nyinaa yere wɔn ho di Mmara no so.*+ 21 Nanso wɔate sɛ nkurɔfoɔ rekeka sɛ, worekyerɛkyerɛ Yudafoɔ a wɔwɔ amanaman mu nyinaa sɛ wɔnsɔre ntia Mose Mmara.* Wɔate sɛ worekeka nso sɛ wɔnntwa wɔn mma twetia,* na wɔnnni amammerɛ so.+ 22 Enti deɛn na yɛbɛyɛ wɔ ho? Deɛ ɛbɛyɛ biara wɔbɛte sɛ woaba. 23 Enti yɛ deɛ yɛreka akyerɛ wo yi: Yɛwɔ mmarima nnan a wɔahyɛ bɔ. 24 Fa saa mmarima yi kɔ, na wo ne wɔn nkɔdwira mo ho na tua ka ma wɔn, na wɔnyi wɔn ti. Ɛbɛma obiara ahu sɛ deɛ wɔretete fa wo ho no nyɛ nokorɛ. Na mmom wonam pɛpɛɛpɛ, na wo ara nso wodi Mmara no so.+ 25 Na agyidifoɔ a wɔfiri amanaman mu no deɛ, yɛatwerɛ gyinaeɛ a yɛasi no akɔma wɔn sɛ, wɔntwe wɔn ho mfiri deɛ wɔde abɔ afɔreɛ ama abosom+ ne mogya+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu+ ne adwamammɔ*+ ho.”

26 Enti adeɛ kyeeɛ no, Paul faa mmarima no, na ɔne wɔn nyinaa kɔdwiraa wɔn ho,+ na ɔkɔɔ asɔrefie hɔ kɔkyerɛɛ da a wɔbɛwie wɔn ahodwira no ne berɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ afɔreɛ ma wɔn mu biara.

27 Berɛ a nnanson no reba awieeɛ no, Yudafoɔ a wɔfiri Asia no huu no wɔ asɔrefie hɔ, na wɔmaa nnipa no yɛɛ gyegyeegye, na wɔsosɔɔ ne mu. 28 Na wɔteateaam sɛ: “Israel mmarima, mommɛboa! Ɔbarima yi na ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa wɔ baabiara sɛ wɔnsɔre ntia yɛn man yi ne yɛn Mmara ne ɛha yi.* Deɛ asɛe asɛm no koraa ne sɛ, ɔde Greecefoɔ aba asɔrefie ha, na wagu kronkronbea yi ho fĩ.”+ 29 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na wɔadi kan ahu Efesoni Trofimo+ sɛ ɔka ne ho wɔ kuro no mu, na na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Paul de no baa asɔrefie hɔ. 30 Na kurom hɔ nyinaa yɛɛ bagyabagya, na nkurɔfoɔ no de mmirika bɛtwa hyiaeɛ, na wɔsosɔɔ Paul mu twee no firii asɔrefie hɔ. Na ntɛm ara, wɔtotoo apono no mu. 31 Na berɛ a wɔyɛɛ sɛ wɔreku no no, asraafoɔkuo no sahene no tee sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ bagyabagya. 32 Enti ntɛm ara, ɔfaa asraafoɔ ne asraafoɔ mpanimfoɔ, na wɔde mmirika kɔɔ hɔ. Berɛ a nkurɔfoɔ no huu ɔsahene no ne asraafoɔ no, wɔgyaee Paul hweɛ.

33 Ɛnna ɔsahene no kɔɔ hɔ kɔkyee no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu ngu no.+ Afei ɔbisaa onipa ko a ɔyɛ, ne deɛ wayɛ. 34 Na nnipadɔm no mu bi firii aseɛ teateaam. Ebi ka sei, na ebi nso aka sei. Na dede no nti, wantumi anhunu asɛm no mu yie. Enti ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Paul mmra asraafoɔ asoɛeɛ hɔ. 35 Nanso berɛ a ɔduruu stɛps no so no, nnipadɔm no basabasayɛ nti, asraafoɔ no maa ne so, 36 na nnipadɔm kɔɔ so dii akyire, na wɔteateaam sɛ: “Monku no!”*

37 Berɛ a wɔreyɛ de Paul aduru asraafoɔ asoɛeɛ hɔ no, ɔbisaa ɔsahene no sɛ: “Mɛtumi aka asɛm bi akyerɛ wo anaa?” Ɛnna ɔsahene no nso bisaa no sɛ: “Wotumi ka Greek kasa? 38 Ɛnyɛ wone Egyptni a da bi wokekaa nkurɔfoɔ ti boom maa wɔtee atua, a wode mmarima 4,000 a wɔtwe sekan kɔɔ serɛ so no?” 39 Ɛnna Paul kaa sɛ: “Deɛ ɛteɛ ne sɛ, meyɛ Yudani.+ Mefiri Tarso+ a ɛwɔ Kilikia; kuro a mefiri mu no agye din. Enti mesrɛ wo, ma me kwan ma menkasa nkyerɛ ɔmanfoɔ no.” 40 Berɛ a ɔsahene no maa no kwan no, Paul gyinaa stɛps no so, na ɔhim ne nsa kyerɛɛ nnipa no. Berɛ a ɛhɔ yɛɛ dinn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Hebri kasa mu.+ Ɔkaa sɛ:

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane