Timoteo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
1 Me Paul a menam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ sɛdeɛ nkwa a ɛnam Kristo Yesu so ho bɔhyɛ+ teɛ no, 2 mede krataa yi rekɔma me dɔba Timoteo:+
Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu adom ne mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ nka wo.
3 Meda Onyankopɔn ase. Ɔno na meresom no, sɛdeɛ m’agyanom som no no. Na mede ahonim* pa na ɛresom no. Daa mekae wo wɔ me nkotosrɛ mu awia ne anadwo. 4 Mekae wo nisuo no a, na m’ani agyina sɛ mɛhu wo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a anigyeɛ bɛhyɛ me ma. 5 Na mekae wo gyidie a nyaatwom nnim+ a ɛdii kan tenaa wo nana Lois ne wo maame Eunike mu no. Mewɔ ahotɔsoɔ sɛ saa gyidie no da so wɔ wo mu.
6 Wei nti, merekae wo sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ a mede me nsa guu wo so maa wonyaeɛ no, hyɛ mu gya.+ 7 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom,+ na mmom ɔmaa yɛn tumi+ ne ɔdɔ ne adwene a emu da hɔ honhom. 8 Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade ho adansedie+ no ho, na me a Awurade nti meyɛ deduani no nso, mma w’ani nnwu me ho. Mmom, fa wo ho to Onyankopɔn tumi so,+ na nsuro sɛ asɛmpa no nti wobɛhunu amane.+ 9 Wagye yɛn, na wafrɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ akronkronfoɔ,*+ ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom ɔno ankasa atirimpɔ ne n’adom+ ntira. Wɔde saa adom yi maa yɛn wɔ Kristo Yesu mu firi teteete, 10 na afei deɛ wɔnam yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahoyie so ada no adi pefee.+ Ɔno na ɔnam asɛmpa no+ so ayi owuo afiri hɔ,+ na ɔnam asɛmpa no ara so ama yɛahunu sɛdeɛ yɛbɛnya nkwa+ ne deɛ ɛmporɔ+ no. 11 Saa asɛmpa no nti na wɔyii me sɛ ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ no.+
12 Wei nso nti na merehunu amane yi,+ nanso ɛnyɛ me aniwu.+ Ɛfiri sɛ menim Onii a magye no adi no, na mewɔ ahotɔsoɔ sɛ deɛ mede ahyɛ ne nsa no, ɔbɛtumi ahwɛ so akɔsi sɛ saa da no bɛba.+ 13 Nsɛmpa* ho nhwɛsoɔ*+ a wote firii me nkyɛn no, kɔ so fa gyidie ne ɔdɔ a Kristo Yesu ayɔnkofa ama woanya no kura mu. 14 Adepa a wɔde ahyɛ wo nsa yi, fa honhom kronkron a ɛte yɛn mu+ no hwɛ so yie.
15 Wonim sɛ nnipa a ɛwɔ Asia+ no nyinaa atwe wɔn ho afiri me ho; Figelo ne Hermogene ka saa nkurɔfoɔ no ho. 16 Awurade nyi mmɔborɔhunu adi nkyerɛ Onesiforo fiefoɔ,+ ɛfiri sɛ ɔmaa me ho dwoo me mprɛ pii, na nkɔnsɔnkɔnsɔn a wɔde agu me no amma no amfɛre. 17 Mmom berɛ a ɔbaa Roma no, ɔhwehwɛɛ me dendeenden, na ɔhuu me. 18 Awurade mma no nnya Yehowa* hɔ mmɔborɔhunu saa da* no. Na wo ara wonim deɛ ɔyɛ maa me* wɔ Efeso no nyinaa.