Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Hebrifoɔ 11
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Hebrifoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Deɛ gyidie kyerɛ (1, 2)

      • Wɔn a wɔdaa gyidie adi (3-40)

        • Sɛ obi nni gyidie a, ɔrentumi nsɔ Onyankopɔn ani (6)

Hebrifoɔ 11:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “adanseɛ a ɛdi mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 11:13

Hebrifoɔ 11:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “yɛn nananom.”

Hebrifoɔ 11:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mmerɛ yi mu.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hebrifoɔ 11:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 4:5
  • +Ge 4:4
  • +Ge 4:8, 10

Hebrifoɔ 11:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 5:22; Yuda 14
  • +Ge 5:24

Hebrifoɔ 11:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 58:11; Sef 2:3; Mt 5:12; 6:33

Hebrifoɔ 11:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “na ɔbɛyɛɛ tenenee a ɛnam gyidie so ho ɔdedifoɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 6:8, 9
  • +Ge 6:13, 17
  • +Ge 6:14
  • +Ge 6:22; 2Pe 2:5

Hebrifoɔ 11:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 4:9, 11
  • +Ge 12:1, 4

Hebrifoɔ 11:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔne no nyinaa bɛnya bɔhyɛ korɔ no ara.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 23:4
  • +Ge 17:6; 26:3; 28:13
  • +Ge 12:8

Hebrifoɔ 11:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 11:16

Hebrifoɔ 11:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “aba.”

  • *

    Anaa “sɛ ɔnni hwammɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 17:17; 21:2

Hebrifoɔ 11:12

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔwoo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 4:19
  • +Ge 21:5
  • +Ge 22:17; 1Ah 4:20

Hebrifoɔ 11:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔkaa wɔ badwam.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 47:9
  • +Yoh 8:56

Hebrifoɔ 11:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 11:31

Hebrifoɔ 11:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 3:6, 15
  • +Heb 11:10; 12:22

Hebrifoɔ 11:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 22:1, 2
  • +Ge 22:9, 10; Yoh 3:16

Hebrifoɔ 11:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “w’aba.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 21:12

Hebrifoɔ 11:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 10:11

Hebrifoɔ 11:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 27:27-29
  • +Ge 27:38-40

Hebrifoɔ 11:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 47:29
  • +Ge 48:15, 16, 20
  • +Ge 47:31

Hebrifoɔ 11:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnsie no.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 50:24, 25; Ex 13:19

Hebrifoɔ 11:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 2:2
  • +Aso 7:20
  • +Ex 1:16, 22

Hebrifoɔ 11:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 2:11
  • +Ex 2:10

Hebrifoɔ 11:26

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Greek, “Kristo.”

Hebrifoɔ 11:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 12:51
  • +Ex 10:28
  • +1Ti 1:17

Hebrifoɔ 11:28

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “mfa ne nsa nka wɔn mmakan.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 12:21-23

Hebrifoɔ 11:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 14:22
  • +Ex 14:27, 28

Hebrifoɔ 11:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 6:15, 20

Hebrifoɔ 11:31

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, nkurɔfoɔ a wɔsoma wɔn kodɛɛ ma wɔkɔhwɛ sɛdeɛ baabi teɛ na wɔbɛka.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 6:17

Hebrifoɔ 11:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 6:11
  • +Ate 4:6
  • +Ate 13:24
  • +Ate 11:1
  • +1Sa 16:13
  • +1Sa 3:20

Hebrifoɔ 11:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 7:12, 22
  • +2Sa 7:8, 12
  • +Ate 14:5, 6; 1Sa 17:34-36; Da 6:21, 22

Hebrifoɔ 11:34

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Da 3:23-25
  • +2Ah 6:15, 16
  • +Ate 16:28; 1Ah 18:46
  • +Ate 11:32
  • +Ate 4:16

Hebrifoɔ 11:35

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 17:22-24; 2Ah 4:32, 34

Hebrifoɔ 11:36

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 20:2
  • +Yer 37:15

Hebrifoɔ 11:37

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “paee wɔn mu mmienu mmienu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 24:20, 21
  • +1Ah 19:1
  • +2Ah 1:8
  • +1Ah 19:2
  • +1Ah 22:24; Yer 38:6

Hebrifoɔ 11:38

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔnsɛ wiase.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 18:4; 19:9

Hebrifoɔ 11:40

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 2:3; 3:1; 7:22

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Heb. 11:1Heb 11:13
Heb. 11:4Ge 4:5
Heb. 11:4Ge 4:4
Heb. 11:4Ge 4:8, 10
Heb. 11:5Ge 5:22; Yuda 14
Heb. 11:5Ge 5:24
Heb. 11:6Dw 58:11; Sef 2:3; Mt 5:12; 6:33
Heb. 11:7Ge 6:8, 9
Heb. 11:7Ge 6:13, 17
Heb. 11:7Ge 6:14
Heb. 11:7Ge 6:22; 2Pe 2:5
Heb. 11:8Ro 4:9, 11
Heb. 11:8Ge 12:1, 4
Heb. 11:9Ge 23:4
Heb. 11:9Ge 17:6; 26:3; 28:13
Heb. 11:9Ge 12:8
Heb. 11:10Heb 11:16
Heb. 11:11Ge 17:17; 21:2
Heb. 11:12Ro 4:19
Heb. 11:12Ge 21:5
Heb. 11:12Ge 22:17; 1Ah 4:20
Heb. 11:13Ge 47:9
Heb. 11:13Yoh 8:56
Heb. 11:15Ge 11:31
Heb. 11:16Ex 3:6, 15
Heb. 11:16Heb 11:10; 12:22
Heb. 11:17Ge 22:1, 2
Heb. 11:17Ge 22:9, 10; Yoh 3:16
Heb. 11:18Ge 21:12
Heb. 11:191Ko 10:11
Heb. 11:20Ge 27:27-29
Heb. 11:20Ge 27:38-40
Heb. 11:21Ge 47:29
Heb. 11:21Ge 48:15, 16, 20
Heb. 11:21Ge 47:31
Heb. 11:22Ge 50:24, 25; Ex 13:19
Heb. 11:23Ex 2:2
Heb. 11:23Aso 7:20
Heb. 11:23Ex 1:16, 22
Heb. 11:24Ex 2:11
Heb. 11:24Ex 2:10
Heb. 11:27Ex 12:51
Heb. 11:27Ex 10:28
Heb. 11:271Ti 1:17
Heb. 11:28Ex 12:21-23
Heb. 11:29Ex 14:22
Heb. 11:29Ex 14:27, 28
Heb. 11:30Yos 6:15, 20
Heb. 11:31Yos 6:17
Heb. 11:32Ate 6:11
Heb. 11:32Ate 4:6
Heb. 11:32Ate 13:24
Heb. 11:32Ate 11:1
Heb. 11:321Sa 16:13
Heb. 11:321Sa 3:20
Heb. 11:33Ate 7:12, 22
Heb. 11:332Sa 7:8, 12
Heb. 11:33Ate 14:5, 6; 1Sa 17:34-36; Da 6:21, 22
Heb. 11:34Da 3:23-25
Heb. 11:342Ah 6:15, 16
Heb. 11:34Ate 16:28; 1Ah 18:46
Heb. 11:34Ate 11:32
Heb. 11:34Ate 4:16
Heb. 11:351Ah 17:22-24; 2Ah 4:32, 34
Heb. 11:36Yer 20:2
Heb. 11:36Yer 37:15
Heb. 11:372Be 24:20, 21
Heb. 11:371Ah 19:1
Heb. 11:372Ah 1:8
Heb. 11:371Ah 19:2
Heb. 11:371Ah 22:24; Yer 38:6
Heb. 11:381Ah 18:4; 19:9
Heb. 11:40Heb 2:3; 3:1; 7:22
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Hebrifoɔ 11:1-40

Ɔde Kɔmaa Hebrifoɔ

11 Gyidie yɛ awerɛhyɛmu a emu yɛ den a yɛwɔ sɛ adeɛ a yɛn ani da so bɛba mu.+ Ɛyɛ adanseɛ pefee* a ɛkyerɛ sɛ biribi a yɛn ani nhunu wɔ hɔ ankasa. 2 Ɛno na wɔnam so dii tetefoɔ* no ho adanseɛ.

3 Gyidie na ɛma yɛhunu sɛ wɔnam Onyankopɔn asɛm so na ɛtotoo nneɛma a ɛwɔ wiase,* ma enti deɛ yɛhunu no firi nneɛma a yɛnhunu mu na ɛbaeɛ.

4 Gyidie nti na Habel bɔɔ afɔreɛ a ɛsom bo sene Kain deɛ no maa Onyankopɔn,+ na ɛnam saa gyidie no so na ɔnyaa adanseɛ sɛ ɔyɛ ɔteneneeni, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ani sɔɔ n’akyɛdeɛ no,+ na ɛwom sɛ wawu deɛ, nanso ɔnam ne gyidie so da so ara kasa.+

5 Gyidie nti na wɔyii Enok+ firii baabi a na ɔwɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenhunu owuo. Na wɔanhu no wɔ baabiara, ɛfiri sɛ Onyankopɔn yii no firii baabi a na ɔwɔ no;+ na ansa na wɔreyi no afiri hɔ no, ɔnyaa adanseɛ sɛ wasɔ Onyankopɔn ani yie. 6 Bio nso, sɛ obi nni gyidie a, ɔrentumi nsɔ Onyankopɔn ani yie, ɛfiri sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no, ɛsɛ sɛ ɔgye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafoɔ.+

7 Gyidie nti na berɛ a Noa+ nsa kaa Onyankopɔn kɔkɔbɔ a ɛfa nneɛma a wɔnnya nhunuiɛ+ ho no, ɔkyerɛɛ sɛ ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyɛɛ adaka+ a wɔde bɛgye ne fiefoɔ nkwa. Na ɔnam saa gyidie yi so buu wiase no fɔ,+ na ne gyidie nti, wɔbuu no ɔteneneeni.*

8 Gyidie nti na berɛ a wɔfrɛɛ Abraham+ no, ɔtieeɛ na ɔsiim kɔɔ baabi a na ɔbɛnya sɛ agyapadeɛ no; ɛwom sɛ na ɔnnim baabi a ɔrekɔ, nanso ɔsiim kɔe.+ 9 Gyidie nti na ɔtenaa bɔhyɛ asaase no so sɛ ɔhɔhoɔ a ɔte ananafoɔ asaase so.+ Ɔne Isak ne Yakob a na wɔne no nyinaa yɛ bɔhyɛ korɔ no ara ho adedifoɔ*+ no tenaa ntomadan mu.+ 10 Ɛfiri sɛ na ɔretwɛn kuro a ɛwɔ fapem a ɛyɛ den no. Onyankopɔn na ɔyɛɛ saa kuro no na ɔkyekyereeɛ.+

11 Gyidie nti na Sara nso nyaa ahoɔden de nyinsɛn aseni* berɛ a na wapa saa mfeɛ no ho mpo.+ Ɛfiri sɛ ɔbuu Deɛ ɔhyɛɛ bɔ no ɔnokwafoɔ.* 12 Enti ɔbarima baako a na ɛte sɛ deɛ wawuo no,+ ne mu na wɔnyaa* mma+ a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea a ɛnni ano.+

13 Gyidie mu na saa nnipa yi nyinaa wuwuiɛ a wɔanhunu sɛ bɔhyɛ ahodoɔ no aba mu;+ nanso wɔhunuu wɔ akyirikyiri+ de anigyeɛ gye toom, na wɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ* sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ wɔ asaase no so. 14 Na wɔn a wɔka nsɛm a ɛte saa no, wɔde kyerɛ sɛ wɔn ani abere rehwehwɛ baabi a ɛbɛyɛ wɔn ankasa dea. 15 Na sɛ wɔkɔɔ so kaee baabi a wɔtu firiiɛ no+ a, anka wɔbɛnya kwan asan akɔ hɔ. 16 Nanso afei wɔrehwehwɛ baabi a ɛyɛ kyɛn saa, kyerɛ sɛ, deɛ ɛyɛ ɔsoro deɛ. Enti wɔn ho nyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ ɔbɛma wɔafrɛ no wɔn Nyankopɔn,+ ɛfiri sɛ wasiesie kuro bi ama wɔn.+

17 Gyidie nti na berɛ a wɔsɔɔ Abraham hwɛeɛ+ no, ɔde Isak bɔɔ afɔreɛ wiee koraa ne sa, na ɔbarima a na ɔde anigyeɛ agye bɔhyɛ ahodoɔ no yɛɛ sɛ ɔde ne ba korɔ+ no rebɔ afɔreɛ, 18 ɛwom sɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ: “Deɛ wɔbɛfrɛ no ‘w’aseni’* no nam Isak so na ɔbɛba.”+ 19 Nanso ɔgye dii sɛ Onyankopɔn bɛtumi anyane no afiri awufoɔ mu mpo; na ne nsa kaa no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so.+

20 Gyidie nso nti na Isak hyiraa Yakob+ ne Esau+ wɔ nneɛma a na ɛrebɛba ho no.

21 Gyidie nti na berɛ a Yakob rebɛwu no,+ ɔhyiraa Yosef mma mmarima no mu biara,+ na ɔbutuu ne poma ti so someeɛ no.+

22 Gyidie nti na berɛ a Yosef rebɛwu no, ɔkaa tu a Israel mma bɛtu afiri Egypt ho asɛm; na ɔkyerɛɛ wɔn deɛ wɔnyɛ ne nnompe.*+

23 Gyidie nti na berɛ a wɔwoo Mose no, n’awofoɔ de no siee abosome mmiɛnsa,+ ɛfiri sɛ wɔhuu sɛ abɔfra kumaa no ho yɛ fɛ,+ na wɔansuro ɔhene mmara no.+ 24 Gyidie nti na berɛ a Mose nyiniiɛ no,+ wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babaa ba+ no, 25 na mmom ɔpɛɛ sɛ ɔbɛma wɔatan ɔne Onyankopɔn nkurɔfoɔ ani sene sɛ ɔbɛnya bɔne mu anigyeɛ berɛ tiaa bi. 26 Deɛ enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, ɔbuu Deɛ Wɔasra No* no animguaseɛ sɛ ɛyɛ ahonyadeɛ kɛseɛ sene Egypt agyapadeɛ, ɛfiri sɛ ɔde n’ani nyinaa sii akatua no so. 27 Gyidie nti na ɔfirii Egypt+ a wansuro ɔhene no abufuo,+ na ɔkɔɔ so gyinaa pintinn te sɛ deɛ ɔhu Onii a wɔnhu no no.+ 28 Gyidie nti ɔdii Twam no, na ɔde mogya petepetee aponnwa ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔsɛefoɔ no renyɛ wɔn mmakan bɔne.*+

29 Gyidie nti na wɔfaa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu te sɛ deɛ wɔnam asaase a ɛso awo so+ no, na berɛ a Egyptfoɔ yɛɛ sɛ wɔrefa mu no, ɛmenee wɔn.+

30 Gyidie nti na Yeriko afasuo no dwiri guiɛ berɛ a ɔman no twaa ho hyiaa nnanson no.+ 31 Gyidie nti na wɔansɛe tuutuuni Rahab amfra asoɔdenfoɔ no, ɛfiri sɛ ɔgyee akwansrafoɔ* no asomdwoeɛ mu.+

32 Na deɛn bio na menka? Sɛ mereka Gideon,+ Barak,+ Samson,+ Yefta,+ Dawid+ ne Samuel+ ne adiyifoɔ nkaeɛ no ho asɛm a, anka adagyeɛ bɛbɔ me. 33 Wɔnam gyidie so ko dii ahennie ahodoɔ so nkonim,+ maa tenenee kɔɔ so, nyaa bɔhyɛ ahodoɔ,+ sii agyata ano,+ 34 dwodwoo egya ano,+ nyaa wɔn ho tetee a sekan annya wɔn,+ nyaa ahoɔden berɛ a wɔyɛɛ mmerɛ,+ bɛyɛɛ mmarima a wɔnim akodie yie,+ yɛɛ asraafoɔ a wɔbɛto hyɛɛ wɔn so no pasaa.+ 35 Wɔnam owusɔreɛ so maa mmaa nsa kaa wɔn awufoɔ.+ Nanso ebinom deɛ, wɔyɛɛ wɔn ayayadeɛ ɛfiri sɛ wɔampene amma wɔamfa agyedeɛ bi so annye wɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya owusɔreɛ a ɛkyɛn saa. 36 Aane, ebinom nso sɔhwɛ a wɔhyiaeɛ ne fɛdie ne ɔhweɛ, na deɛ ɛsene saa mpo no, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu ebinom,+ na wɔde ebi nso guu afiase.+ 37 Wɔsii wɔn aboɔ,+ wɔsɔɔ wɔn hwɛe, wɔde sradaa paee wɔn mu,* wɔde sekan kunkum wɔn,+ wɔde nnwan nwoma yɛɛ ntaadeɛ hyɛe, wɔde mpɔnkye nwoma yɛɛ ntaadeɛ hyɛe,+ wɔdii hia, wɔhunuu amane,+ wɔdii wɔn ani;+ 38 ná wiase no mfata wɔn.* Wɔkyinkyinii serɛ so, ne mmepɔ so, ne abodan+ ne asaase so abɔn mu.

39 Ɛwom, gyidie a na wɔwɔ nti, wɔn nyinaa nyaa adanseɛ pa, nanso wɔanhunu sɛ bɔhyɛ no aba mu, 40 ɛfiri sɛ na Onyankopɔn adi kan ahunu sɛ biribi a ɛkyɛn saa da hɔ ma yɛn,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremma wɔnwie pɛyɛ a yɛnka ho.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane